Hadith List

Obibiara a ɔbɛkɔ hajj na wamfa ne ho anhyɛ rafath(ɔbaa ne barima nhyiamu anaa kasa fii) mu anaa wanyɛ bɔne no, ɔbɛsan te sɛ ɛda a ne maame woo no
عربي English Urdu
sɛ ɔbarima bi dɔ ne nua a, ɛwɔ sɛ ɔka kyerɛ no sɛ ɔdɔ no
عربي English Urdu
(Montwe mo ho mfiri ade nson a ɛsɛe onipa ho
عربي English Urdu
O Awurade! ''Mesrɛ sɛ ɛmma me nna so nnyɛ ɔbosom /abosomfie
عربي English Urdu
''Me sombo sene ahokafoɔ biara a wɔde ka Me ho, nti neɛ ɔbɛdi dwuma bi a ɔde obi foforɔ bɛka Me ho no, Megyae ɔne no mmata ho a ɔreyɛ no (abosomsɛm)''
عربي English Urdu
Mesrɛ twe me ho kɔ Allah nkyɛn sɛ mɛnya hokani bi afiri mo mu, ɛfiri sɛ esipi sɛ Allah Okokuroko no afa me adamfoɔ dada, sɛneɛ Ɔfaa Ibrahim (Abraham) adamfoɔ no
عربي English Urdu
Mma momfa mo afie nyɛ nna so,saa ara nso na momfa me nna so no nyɛ afahyɛ na mommɔ mpaeɛ mma me efiri sɛ mo mpaeɛ no bɛduru me hɔ baabi a mowɔ biara
عربي English Urdu
Obibiara ɔbɛdi nse a ɛnyɛ Nyankopɔn no,ayi boniayɛ anaasɛ wayɛ mmataho
عربي English Urdu
Ampa woreba nkorɔfoɔ bi a wɔyɛ Nwoma no foɔ,na sɛ woba wɔn hɔ a frɛ wɔn ma wɔnni adanseɛ sɛ Nokware Nyame biara nni hɔ gye sɛ Allaah,na Muhammad yɛ Nyame somafoɔ
عربي English Urdu
Mma mommu me sɛdeɛ kristofoɔ bu Maria ba no; efiri sɛ meyɛ N’akoa nkutoo, na mmom monka sɛ: Nyame akoa ne Ne somafoɔ
عربي English Urdu
nnipa a ɔbɛnya anigyeɛ wɔ me ntamgyina no ho wɔ Wusɔreɛ Da no, ne obi a ɔka sɛ Nyame biara nni hɔ gye sɛ Allaah, wɔ gyidie mu firi n’akoma mu anaa ne kra mu
عربي English Urdu
“Obiara a ɔbɛhyia Onyankopɔn, na wamfa biribiara ammata Ne ho no, ɔbɛwura Ɔsoro Ahemman turo no mu, na obiara a ɔbɛhyia No, na ɔde biribi abata Ne ho no, ɔbɛwura egya no mu
عربي English Urdu
ɔsɛeɛ aka 'ɛstrimistfoɔ' wɔn a wɔyɛ kyenkyenekyee wɔ nyamesom mu
عربي English Urdu
obibiara a ɔbɛhyɛ me bɔ (sɛ ɔbɛbɔ saa nneɛma mmienu yi ho ban no) ɛyɛ ade a ɛda n'abɔdwe mu ne ne nan ntam no, me nso mɛhyɛ no ɔsoro aheman mu ho bɔ
عربي English Urdu
Sɛ akoa bi yare anaa ɔtu kwan a wɔbɛtwerɛ ama no te sɛ ɔtemamufoɔ a ɔte apɔ redie
عربي English Urdu
“Nkaakaeɛ a ɛyɛ sene biara ne sɛ: Onyame biara nni hɔ gye Allaah, na mpaeɛ a ɛyɛ sene biara ne sɛ: Ayeyi nka Onyankopɔn.”
عربي English Urdu
Ɔsoro aheman bɛn mo mu binom sene sɛneɛ ne mpaboa ahoma bɛn no, sa ara nso na ogya dareɛ nso teɛ
عربي English Urdu
(Siwak) Duaweɛ yɛ adeɛ a anumu na ɛsɔ Awurade Nyankopɔn ani nso
عربي English Urdu
Asɔre mprenum da koro, ne Efiada (nhyiamu asɔre) kɔsi Efiada, ne Ramadan (akɔmkyene) kɔsi Ramadan, yɛ mpata ma bɔne nketewa obi ayɛ wɔ mu sɛ ɔtwe ne ho firi bɔne akɛseɛ no ho nko ara deɛ a
عربي English Urdu
Mommɔ dawuro mfa me nsɛm no ho; sɛ mpo ɛyɛ yikyerɛ koro pɛ mpo a, na monka atetesɛm a ɛfa Israel asefoɔ ho; ɛfiri sɛ akwansideɛ biara nni ho, na mmom neɛ ɔbɛtwa kontompo ato me so boapayɔ mu no deɛ; ɔmmɛ gye ne tenabrɛ wɔ ogya dareɛ no mu
عربي English Urdu
Wɔde akɔnɔdeɛ atwa ogya dareɛ no ho ahyia ɛna wɔde akyiwadeɛ atwa soro aheman ho ahyia
عربي English Urdu
Muslimini kyɛfa wɔ no yɔnko Muslimini so yɛ enum: sɛ ɔbɛgye no so sɛ ɔkyea no a (salaam), na ɔbɛkɔ akɔsra no sɛ ɔyare a, na ɔbɛdi n'akyi ama wɔayɛ owufoɔ som ama no, na ɔbɛgye no frɛ so (sɛ ɔto ne nsa frɛ no dwumadie bi ase a), na ɔbɛgye no so sɛ ɔnwansi a
عربي English Urdu
Allah nhunu obi a ɔdwo na ɔsosɔ afoforɔ so sɛ ɔretɔn adeɛ a mmɔbɔ, ne obia ɔdwo sɛ ɔretɔ a, ne obia ɔdwo sɛ ɔhia a
عربي English Urdu
Na abranteɛ bi wɔ hɔ a ɔde sika bɔ amanfoɔ bosea, na na ɔka kyerɛ ne ba barima sɛ: sɛ woma obia ne ho akyere no (bosea) a, fa firi no ɛbia na Allah nso de yɛn (bɔne) afiri yɛn
عربي English Urdu
ɛnyɛ obia ɔde nkabom ba abusua mu ne neɛ ɔyɛ bi tua ka, na mmom neɛ ɔde nkabom ba ne neɛ ɔka abusua no bom sɛ ntetemu bi ba a
عربي English Urdu
“Obiara a ɔbɛma obi a ɔwɔ sikasɛm mu ahokyere mu ahomegyeɛ, anaasɛ ɔbɛgyae n’aka no, Allah bɛma no dabere wɔ Owusɔreɛ Da no wɔ N’Ahennwa no sunsum ase, da a sunsum biara nni hɔ gye Ne deɛ.”
عربي English Urdu
Ɔbiara a ɔbɛyɛ akyerewia ɛwɔ gyedie mo na ɔde ɛrehwehwɛ nhyira no; yɛ de nebone a atwam nyinaa ɛkyɛ no
عربي English Urdu
Obiara a ɔde gyidie bɛgyena Ahyɛde Anadwo no mu na ɔde ɛrehwehwɛ nhyira no; yɛ de nebone a atwam nyinaa ɛkyɛ no
عربي English Urdu
“Obiara a Onyankopɔn pɛ papa ma no no, Ɔsɔ no hwɛ.”
عربي English Urdu
Sɛ muslimifoɔ mmienu de wɔn sikan hyia mu a; ɛneɛ na owudifoɔ no ne neɛ wadi no awu no nyina ara yɛ ogya mu nnipa
عربي English Urdu
Ɛsom no yɛ afutuo
عربي English Urdu
Esipi sɛ neɛ mmara ma ho kwan no da adi pefee ɛna neɛ ɛyɛ akyiwadeɛ nso da adi pefee
عربي English Urdu
Allah atwerɛ papa wɔ biribiara so
عربي English Urdu
Esipi sɛ Allah atwerɛ papa ne bɔne ahodoɔ nyina ara, ɛna afei Wakyerɛ mu, na obi a ɔbɛbɔ ne ho mmɔden sɛ ɔreyɛ papa bi na wantumi anyɛ no, Allah twerɛ papa n'akatua a ɛhyɛ ma ma no, na sɛ ɔbɔ ne ho mmɔden na ɔyɛ nso a, Allah twerɛ akatua pa ɛfiri ɛdu kɔpem ahanson ne mmɔho mmɔho bebree ma no, na neɛ ɔbɛpɛ sɛ ɔyɛ bɔne bi na wanyɛ no, Allah twerɛ nhyira a ɛhyɛ ma ma no, na sɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ bɔne bi na sɛ ɔyɛ ampa a, Allah twerɛ bɔne baako pɛ na ma no
عربي English Urdu
Esipi sɛ Ɔno Allah no Ɔnhwɛ mo bɔbia anaa mo ahonyadeɛ so, (ntua mo ka) na mmom Ɔhwɛ mo akoma mu ne mo nnwumadie so
عربي English Urdu
Esipi sɛ nnwumadie nyina ara gyina nkankyeɛ so, na ɔdasani biara bɛnya ne nkankyeɛ so akatua
عربي English Urdu
Nkramosom ne sɛ wo bɛ di adanseɛ sɛ Onyame biara nni hɔ a ɔfata ɛsom wɔ nokware mu gye Allah nko, na Mohammed yɛ Nyame Somanii, Na w'ayɛ asɔre (Salla) wɔ ne berɛ mu, Na w'ayi Zaka, Na w'akyere Ramadan akɔmkyene, Na w'ayɛ Haj dwumadie (Onyame fie nserahwɛ) sɛ wo nya so tumi a
عربي English Urdu
“Sɛ mode mo ho reto Onyankopɔn so wɔ nokorɛ ahotosoɔ mu a, anka Ɔbɛbɔ mo akɔnhoma sɛnea Ɔma nnomaa a wɔpue anɔpa a ɔkɔm de wɔn na wɔsan ba anwummerɛ a wɔkura nnuane pii no.”
عربي English Urdu
“O Me nkoa, mabara asisie ama Me ho na mabara wɔ mo ntam, enti mma monsisi mo ho mo ho
عربي English Urdu
O abarimaa, merekyerɛkyerɛ wo nsɛm bi: Ma w’adwene nkɔ Nyankopɔn so na Ɔbɛma N’adwene aba wo so. Ma w’adwene nkɔ Nyankopɔn so na wobɛhunu No wɔ w’anim.Sɛ worebisa a, bisa Nyankopɔn
عربي English Urdu
“Akoa bi yɛɛ bɔne na ɔkaa sɛ: O Onyankopɔn, fa me bɔne kyɛ me
عربي English Urdu
Ampa sɛ, atɛntreneefoɔ no bɛka Nyankopɔn ho wɔ hann adwa so, wɔ Mmɔborɔhunufoɔ, Otumfoɔ no nifa so. Ne nsa mmienu no nyinaa yɛ nifa
عربي English Urdu
Ɔbɔfoɔ gabera kɔɔ so kaa afutusɛm kyerɛɛ me wɔ neɛ te bɛn me, Kɔpim sɛ me susu sɛ Ɔbɛ di m'adeɛ
عربي English Urdu
Obiara wo ye Gyedie de ma Nyame ne Atamuada da nu,na wo ka nokware anaa se wo ye koum
عربي English Urdu
Nea ɔnhunu nnipa mmɔbɔ no, Otumfoɔ Kokuroko Nyankopɔn no renhunu no mmɔbɔ
عربي English Urdu
Esipi sɛ mmarima (nnipa) a Allah kyiri wɔn pa ara ne wɔn a wɔpɛ nham ne twe-ma-mentwe pa ara
عربي English Urdu
Nsɛmfua a Allah ani gye ho pa ara yɛ ɛnan: (Subhanallah) Animmuonyam nka Allah, (Alhamdulillah) Aseda ne ayeyi wɔ Allah, (Laa ilaha illa llahu) Onyame biara nni hɔ gye Allah, (Allahu akbar) Allah yɛ Ɔkɛseɛ, ɛmfa ho ne deɛ wode bɛhyɛ aseɛ biara
عربي English Urdu
Wɔbisaa Allah somafoɔ (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) ɛfa adeɛ a ɛde nnipa pii bɛwura ɔsoro aheman no mu, na ɔkaa sɛɛ: <
عربي English Urdu
Fa wo ho to saa Kur’aan yi mu, ɛfiri sɛ ɛnam Nea Muhammad kra wɔ Ne Nsa mu no so no, ɛda adi sɛ ɛbɛguan sene yoma afiri wɔn nhama mu
عربي English Urdu
Ɔkɔmhyɛni no, Nyankopɔn nhyira no na ɔmma no asomdwoeɛ, yɛɛ asuguare pɛnkoro
عربي English Urdu
Obiara a ɔbɛfa akode atia yɛn no nyɛ yɛn mu biako
عربي English Urdu