عن أبي هريرة رضي الله عنه عن النبي صلى الله عليه وسلم قال:
«كَلِمَتَانِ خَفِيفَتَانِ عَلَى اللِّسَانِ، ثَقِيلَتَانِ فِي الْمِيزَانِ، حَبِيبَتَانِ إِلَى الرَّحْمَنِ: سُبْحَانَ اللهِ الْعَظِيمِ، سُبْحَانَ اللهِ وَبِحَمْدِهِ».
[صحيح] - [متفق عليه] - [صحيح البخاري: 6406]
المزيــد ...
Yɛnyaa Hadisi yi firii Abu Hurayrah nkyɛn, Allah nnye no ntom, sɛ ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no kaa sɛ:
<< Nsɛmfua mmienu a ɛyɛ mmerɛ wɔ kɛtrɛma so, ɛmu yɛ duru wɔ nsania so, na Ahummɔborɔ hene (Allah) no ani gye ho: (Subhanallahil azeem, Subhanallahi wa bihamdihii) (Ahoteɛ wɔ Allah Okokuroko, Ahoteɛ ne aseda wɔ Allah)>>.
[صحيح] - [متفق عليه] - [صحيح البخاري - 6406]
Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no rebɔ yɛn amaneɛ ɛfa nsɛmfua mmienu bi a onipa bɛka a ɔmmrɛ na ɔbɛtumi aka no tebea biara mu, na wɔn nhyira yɛ kɛseɛ wɔ nsania so, na yɛ Wura, Ahummɔborɔ hene Okokuroko no ani gye wɔn ho:
Subhanallahil azeem, subhanallahi wa bihamdihi; sɛneɛ aka Allah su a ɛkyerɛ sɛ Ɔyɛ Kokuroko na Ɔwie pɛyɔ no, na ɛte No ho firi sintɔ biara ho, nhyira ne kɛseyɔ wɔ No.