Category: Virtues and Manners .
+ -

عن أبي أيوب الأنصاري رضي الله عنه أن رسول الله صلى الله عليه وسلم قال:
«لَا يَحِلُّ لِرَجُلٍ أَنْ يَهْجُرَ أَخَاهُ فَوْقَ ثَلَاثِ لَيَالٍ، يَلْتَقِيَانِ، فَيُعْرِضُ هَذَا وَيُعْرِضُ هَذَا، وَخَيْرُهُمَا الَّذِي يَبْدَأُ بِالسَّلَامِ».

[صحيح] - [متفق عليه] - [صحيح البخاري: 6077]
المزيــد ...

Yɛnyaa hadisi yi firii Abu Ayyub Al Ansariyyu nkyɛn Allah nnye no ntom, sɛ Allah somafoɔ Allah nhyira ne n’asomdwoeɛ nka no kaa sɛ:
<< Ɔmma ho kwan sɛ onipa bi ne onua bɛyɛ aka ama no aboro anadwo mmiɛnsa, sɛ wɔhyia a, na wei adane n’ani na wei nso adane n’ani, na wɔn mu neɛ ɔyɛ ne neɛ ɔbɛhyɛ aseɛ ato no yɔnko no salaam>>.

[صحيح] - [متفق عليه] - [صحيح البخاري - 6077]

Explanation

Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n’asomdwoeɛ nka no abra sɛ muslimini ne onua muslimini bɛyɛ aka ama no aboro anadwo mmiɛnsa, na wɔn mu baako bɛhyia ne yɔnko na ɔnkyea no anaa ɔnkasa no ho.
Na wɔn mmienu a ayaaka wɔ wɔntam no neɛ ɔyɛ papa ne neɛ ɔrebɔ ne ho mmɔden sɛ ɔbɛyi saa ayaaka no afiri hɔ, na ɔbɛhyɛ aseɛ ato onua no salaam, na ayaaka a ɔreka ho asɛm wɔ aha no yɛ ayaaka a ɛnam woara ankasa woyiedie bi ho nti baaɛ, na mmom ayaaka a ɛnam Allah Okokuroko no kyɛfa bi ho nti baaɛ no te sɛ wo ne abɔneyɛfoɔ, nsakratomfoɔ ne ayɔnko bɔne reyɛ aka deɛ, wei deɛ mmerɛ tenten biara nna so, na mmom ɛgyina mfasoɔ a ɛwɔ ayaaka no so, na ɛba awieɛ berɛ wɔayi afiri hɔ.

Benefits from the Hadith

  1. Pene a wɔpene so sɛ wɔyɛ aka nnansa anaa neɛ ennu saa no yɛ sɛneɛ onipa su teɛ nti, nti wɔde aka a ɔyɛ no nnansa mu de kyɛ kɔpem sɛ ɔbɛyi saa tebea no afiri hɔ.
  2. Nkyea (Salaam toɔ) ho mfasoɔ ne sɛdeɛ etumi yi neɛ ɛwɔ akoma mu firi hɔ, na ɛka ɔdɔ nsohyɛ ho.
  3. Sɛneɛ Islamsom bɔ anuadɔ ne kroyɛ a ɛwɔ wɔn ntam ho ban.
Translation: English Urdu Spanish Indonesian Uyghur Bengali French Turkish Russian Bosnian Sinhala Indian Chinese Persian Vietnamese Tagalog Kurdish Hausa Portuguese Malayalam Telgu Swahili Tamil Burmese Thai German Japanese Pashto Assamese Albanian Swedish amharic Dutch Gujarati Kyrgyz Nepali Yoruba Lithuanian Dari Serbian Somali Tajik Kinyarwanda Romanian Hungarian Czech الموري Malagasy Fulani Italian Oromo Kannada الولوف البلغارية Azeri اليونانية Uzbek Ukrainian الجورجية اللينجالا المقدونية الخميرية الماراثية
View Translations