عن خَولة الأنصاريةِ رضي الله عنها قالت: سمعت النبي صلى الله عليه وسلم يقول:
«إِنَّ رِجَالًا يَتَخَوَّضُونَ فِي مَالِ اللهِ بِغَيْرِ حَقٍّ، فَلَهُمُ النَّارُ يَوْمَ الْقِيَامَةِ».
[صحيح] - [رواه البخاري] - [صحيح البخاري: 3118]
المزيــد ...
Yɛnyaa hadisi yi firii Khawlatul Al Ansariyyat nkyɛn Allah nnye no ntom, ɔkaa sɛ; "metee sɛ ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no reka sɛ:
<
[صحيح] - [رواه البخاري] - [صحيح البخاري - 3118]
Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no rebɔ yɛn amaneɛ sɛ nnipa nom bi wɔ hɔ a wɔhye Muslimifoɔ ahonyadeɛ wɔ kwan bɔnee so, ɛna wɔfa bi a ɛnyɛ kwan pa so, na wei yɛ asɛmfua prɛkopɛ ma ahonyadeɛ ɛfa sɛneɛ wobɛboa ano ne sɛneɛ wode bɛdi dwuma wɔ akwan a ɛnyɛ papa so, na woresɛe no wɔ ɔkwan bɔne so, na sɛ woredi nnyanka sika hyɛ mu bi, ne woredi nnyapadeɛ sika, ne worepo sɛ ahwɛsodeɛ bi wɔ wo nkyɛn, ne woreyi sika afiri amansan fotoɔ mu a ɛnyɛ kwan pa so.
Afei ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no bɔɔ yɛn amaneɛ sɛ wɔn akatua yɛ ogya dareɛ mu owusɔreɛ da no.