+ -

عن عائشة رضي الله عنها قالت: سمعتُ من رسول الله صلى الله عليه وسلم يقول في بيتي هذا:
«اللَّهُمَّ مَنْ وَلِيَ مِنْ أَمْرِ أُمَّتِي شَيْئًا فَشَقَّ عَلَيْهِمْ فَاشْقُقْ عَلَيْهِ، وَمَنْ وَلِيَ مِنْ أَمْرِ أُمَّتِي شَيْئًا فَرَفَقَ بِهِمْ فَارْفُقْ بِهِ».

[صحيح] - [رواه مسلم] - [صحيح مسلم: 1828]
المزيــد ...

Yɛnyaa hadisi yi firii Aisha nkyɛn, (Allah nnye no ntom) ɔkaa sɛ: mete firii Allah somafoɔ no nkyɛn (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) sɛ ɔreka wɔ me fie ha sɛ:
《Oh Onyankopɔn! neɛ ɔbɛdi me dɔm yi anim wɔ wɔn dwumadie bi mu na wayɛ nneɛma mu den ama wɔn no; ma nneɛma mu ɛnyɛ den ma no, na obi a ɔbɛdi me dɔm yi anim na wama nneɛma mu ayɛ mmrɛ ama wɔn no ma nneɛma mu nyɛ mmrɛ ma no》.

[صحيح] - [رواه مسلم] - [صحيح مسلم - 1828]

Explanation

Allah somafoɔ (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) abɔ mpaeɛ atia obibiara a wɔde muslimifoɔ dwumadie bi ahyɛ ne nsa, sɛ ɛyɛ ketewa anaa kɛseɛ, sɛ ɛyɛ dibea mua anaa ɔfa bi, na ahokyerɛ bɛba wɔn so na wanyɛ nneɛma mu mmrɛ ama wɔn no, sɛ Allah Okokuroko mfa ne dwumadie so akatua ma no; Ɔnyɛ nneɛma mu den ma no.
Na deɛ ɔbɛdwo na wayɛ nneɛma mu mmrɛ ama wɔn no, Allah nnwo ma no na Ɔnyɛ ne nneɛma mu mmrɛ ma no.

Benefits from the Hadith

  1. Ɛyɛ nhyɛ sɛ obibiara a ɔdi muslimifoɔ dwumadie bi so no yɛ nneɛma mu mmrɛ ma wɔn sɛneɛ ɔbɛtumi biara.
  2. Dwuma a wobɛdi no ɛso akatua na wobɛnya.
  3. Nsania a ɛkyerɛ neɛ ɛyɛ ahodwoɔ ne ahokyerɛ ne neɛ ɛne Kur'ani ne Sunna (Ɔkɔmhyɛni akwan) mmɔ abira.
Translation: English Urdu Spanish Indonesian Uyghur Bengali French Turkish Russian Bosnian Sinhala Indian Chinese Persian Vietnamese Tagalog Kurdish Hausa Portuguese Malayalam Telgu Swahili Tamil Burmese Thai German Japanese Pashto Assamese Albanian Swedish amharic Dutch Gujarati Kyrgyz Nepali Yoruba Lithuanian Dari Serbian Somali Tajik Kinyarwanda Romanian Hungarian Czech الموري Malagasy Fulani Italian Oromo Kannada الولوف البلغارية Azeri اليونانية Uzbek Ukrainian الجورجية اللينجالا المقدونية الخميرية الماراثية
View Translations