+ -

عن أبي هريرة رضي الله عنه أن رسول الله صلى الله عليه وسلم قال:
«أَتَدْرُونَ مَا الْغِيبَةُ؟»، قَالُوا: اللهُ وَرَسُولُهُ أَعْلَمُ، قَالَ: «ذِكْرُكَ أَخَاكَ بِمَا يَكْرَهُ»، قِيلَ: أَفَرَأَيْتَ إِنْ كَانَ فِي أَخِي مَا أَقُولُ؟ قَالَ: «إِنْ كَانَ فِيهِ مَا تَقُولُ فَقَدِ اغْتَبْتَهُ، وَإِنْ لَمْ يَكُنْ فِيهِ فَقَدْ بَهَتَّهُ».

[صحيح] - [رواه مسلم] - [صحيح مسلم: 2589]
المزيــد ...

Yɛnyaa Hadisi yi firii Abu Hurayrah nkyɛn, Allah nnye no ntom, sɛ Allah somafoɔ, Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no kaa sɛ:
< wɔkaa sɛ: Allah ne no somafoɔ na nim, wɔkaa sɛ: <>, wɔkaa sɛ: sɛ ɛkɔ ba sɛ neɛ mereka no yɛ nokware ɛɛ? Ɔkaa sɛ: sɛdeɛ woreka no yɛ nokware a, ɛneɛ na wadi no ho nkɔnkɔnsa, sɛ ɛnyɛ nokware nso a, na watwitwa ne nantini>>.

[صحيح] - [رواه مسلم] - [صحيح مسلم - 2589]

Explanation

Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no rekyerɛkyerɛ sɛdeɛ wabra kɔnkɔnsa ankasa, na ɛne sɛ woreka muslimini bi a ɔnni hɔ akyiriasɛm a ɔmpɛ, sɛ ɛyɛ ne bɔbea anaa ne suban bi, sɛ ebia: anikyew, ɔsisifoɔ, nkontomponi ne suban bɔne a ɛkeka ho, ɛmpo sɛ ɔwɔ saa suban no mu a.
Na mmom sɛdeɛ woreka no nnim a, ɛneɛ na wei ano yɛ den sene kɔnkɔnsa, ɛno yɛ nantinitwitwa, kyerɛ sɛ woreka asɛm bi ato onipa bi so a ɛnni mu.

Benefits from the Hadith

  1. Ɔkwan pa a ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no fa so kyerɛ adeɛ, sɛneɛ ɔbisa nsɛm bi wɔ nsɛmmisa kwan so.
  2. Obuo a na asuafoɔ no wɔ ma ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no, wɔ berɛ a wɔkaa sɛ: Allah ne No somafoɔ nko ara na nim.
  3. Sɛ woreka sɛ 'Allah na nim' berɛ a wabisa wo biribi a wonni ho nimdeɛ.
  4. Sɛdeɛ Islam mmrasɛm no nam kyɛfa ne anuadɔ ɛwɔ yɛn ntam rebɔ yɛn mpatamu ho ban.
  5. Yɛabra kɔnkɔnsa agye wɔ tebea ahodoɔ bi mu a ɛfata; na ɛmu bi ne: woresi asisie bi ho kwan, wɔ berɛ a deɛ yɛasisi no a ɔrentumi nnye no kyɛfa no reka akyerɛ obi a ɔbɛtumi agye no kyɛfa ama no, na waka sɛ: asomasi asisi me, anaa wayɛ me sɛi, na ebi nso ne sɛ: worehwehwɛ adwenkyerɛ wɔ awareɛ, ayɔnkofa ne fipam mu, ne deɛ ɛtete saa.
Translation: English Urdu Spanish Indonesian Uyghur Bengali French Turkish Russian Bosnian Sinhala Indian Chinese Persian Vietnamese Tagalog Kurdish Hausa Portuguese Malayalam Telgu Swahili Tamil Burmese Thai German Japanese Pashto Assamese Albanian Swedish amharic Dutch Gujarati Kyrgyz Nepali Yoruba Lithuanian Dari Serbian Somali Tajik Kinyarwanda Romanian Hungarian Czech الموري Malagasy Fulani Italian Oromo Kannada الولوف البلغارية Azeri اليونانية Uzbek Ukrainian الجورجية اللينجالا المقدونية الخميرية الماراثية
View Translations