عن عبد الله بن مسعود رضي الله عنه قال: سمعت رسول الله صلى الله عليه وسلم يقول:
«إنَّ الرُّقَى والتَمائِمَ والتِّوَلَةَ شِرْكٌ».
[صحيح] - [رواه أبو داود وابن ماجه وأحمد] - [سنن أبي داود: 3883]
المزيــد ...
Yɛnyaa hadisi yi firii Abdullah bin Mas'ud nkyɛn, Allah nnye no ntom ɔkaa sɛ, metee sɛ Allah somafoɔ; Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no reka sɛ:
<
[صحيح] - [رواه أبو داود وابن ماجه وأحمد] - [سنن أبي داود - 3883]
Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no rekyerɛ nneɛma bi a ne yɛ yɛ abosomsɛm mu akyerɛ yɛn, na ɛmu bi ne:
Neɛ edi kan: Arruqaa (Nkankyeɛ): ɛyɛ nsɛmfua a bi na wɔka no abagyimi berɛ no de hwehwɛ ayaresa a abosomsɛm bi wɔ mu.
Neɛ ɛtɔ so mmienu: Attamaa-im (Bansere): neɛ wɔde tɔma ne neɛ ɛkeka ho ayɛ a wɔde san mmɔfra ne mmoa ne neɛ ɛkeka ho ho sɛ ɛbɛbɔ wɔn ho ban afiri ani bɔne ho.
Neɛ ɛtɔ so mmiɛnsa: Attiwala (bɛdiankɔ) a wɔyɛ sɛ ɔbɛma obi adɔ obi.
Saa nneyɛɛ yinom ka abosomsom, ɛfiri sɛ wɔ mu no woreyɛ biribi nnyinasoɔ, na ɛno nso a ɛnni nnyinasosɛm pɔtee bi a mmrasɛm no si so dua, anaa anisoɔ nnyinasosɛm bi a nsɔhwɛ asi so dua. Na mmom mmrasɛm nyinasosɛm bi te sɛ Kur'ani akenkan anaasɛ anisoɔ nnyinasosɛm te sɛ ayaresa a ɔnam nsɔhwɛ so asi so dua no, wɔma ho kwan sɛ wogye di sɛ ɛyɛ nnyinasosɛm, na mfasoɔ ne ɔhaw hyɛ Allah nsam.