+ -

عن ابن عمر رضي الله عنهما قال: قال رسول الله صلى الله عليه وسلم:
«مَا زَالَ يُوصِينِي جِبْرِيلُ بِالْجَارِ، حَتَّى ظَنَنْتُ أَنَّهُ سَيُوَرِّثُهُ».

[صحيح] - [متفق عليه] - [صحيح البخاري: 6014]
المزيــد ...

YƐ nya feri IBNU UMAR-Nyame peninee enka nu-ka se:KƆmwhenee-Asomdwe ne nhyira nka nu- ka se:
Ɔbɔfoɔ gabera kɔɔ so kaa afutusɛm kyerɛɛ me wɔ neɛ te bɛn me, Kɔpim sɛ me susu sɛ Ɔbɛ di m'adeɛ.

[صحيح] - [متفق عليه] - [صحيح البخاري - 6014]

Explanation

Ɔkɔmhyɛni (asomdwoeɛ ne nhyira nka no) bɔɔ amanneɛ sɛ Gabriel kɔɔ so tuu no fo mpɛn pii sɛ ɔnhwɛ n’afipamfoɔ yie, sɛ wɔyɛ Muslimifoɔ anaa wɔyɛ annye anniefoɔ, abusuafoɔ anaasɛ wɔnyɛ abusuafoɔ, denam wɔn kyɛfa a ɔbɛkora so, na ɔnyɛ wɔn bɔne, na wadɔ wɔn, na wanya abotare wɔ wɔn bɔne no ho. Ɔkɔmhyɛni (asomdwoeɛ ne nhyira nka no) susuu sɛ, ɛgyina obuo a ɔwɔ ma ofipamfoɔ no kyɛfa ne Gabriel afotuo a ɔtaa de ma no mpɛn pii no so no, adiyisɛm bi bɛba ne nkyɛn a ɛbɛma no anya adedie afiri ne fipamfoɔ no ahonya mu wɔ ne wuo akyi.

Benefits from the Hadith

  1. Ofipamfo kyɛfa ho mfasoɔ ne hia a ehia sɛ wodi so.
  2. Kyɛfa a ofipamfo no wɔ so dua denam samanseɛ so no hwehwɛ sɛ wodi no ni, woyɛ no ayamyɛ, na wo ne no di no yie, bɔ ne ho ban firi asiane ho, kɔsra no berɛ a ɔyare, woma no amo berɛ a n’ani agye, na woma no awerɛkyekyerɛ nsɛm berɛ a ɔwɔ ahokyerɛ mu.
  3. Ofipamfo no pono bɛn no ara na ne kyɛfa no nso ho rehia kɛse.
  4. Islam mmara no pɛyɛ a ɛwie no gyina nea ɛde ba ɔmanfoɔ yiedie mu, a nea ɛka ho ne afipamfoɔ a wɔne wɔn di no yie na wɔbɔ wɔn ho ban firi asiane ho.
Translation: English Urdu Spanish Indonesian Uyghur Bengali French Russian Bosnian Sinhala Indian Chinese Persian Vietnamese Tagalog Kurdish Hausa Portuguese Malayalam Telgu Swahili Tamil Burmese Thai German Japanese Pashto Assamese Albanian Swedish amharic Dutch Gujarati Kyrgyz Nepali Yoruba Lithuanian Dari Serbian Somali Tajik Kinyarwanda Romanian Hungarian Czech الموري Malagasy Fulani Oromo Kannada الولوف البلغارية Azeri اليونانية Uzbek Ukrainian الجورجية المقدونية الخميرية
View Translations
More ...