+ -

عن أبي هريرة رضي الله عنه أن رسول الله صلى الله عليه وسلم قال:
«كُلُّ أُمَّتِي يَدْخُلُونَ الْجَنَّةَ إِلَّا مَنْ أَبَى»، قَالُوا: يَا رَسُولَ اللهِ، وَمَنْ يَأْبَى؟ قَالَ: «مَنْ أَطَاعَنِي دَخَلَ الْجَنَّةَ، وَمَنْ عَصَانِي فَقَدْ أَبَى».

[صحيح] - [رواه البخاري] - [صحيح البخاري: 7280]
المزيــد ...

Yɛnyaa Hadisi yi firii Abu Hurayrah nkyɛn, Allah nnye no ntom, sɛ Allah somafoɔ, Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no kaa sɛ:
{ M'akyidifoɔ nyina ara bɛwura soro aheman mu agye neɛ ɔbɛpo, wɔkaa sɛ; oh Allah somafoɔ, na hwan na bɛpo? Ɔkaa sɛ: neɛ ɔbɛyɛ sotie ama me no bɛwura soro aheman mu, na neɛ ɔbɛte me so atua no apo (soro aheman no)}.

[صحيح] - [رواه البخاري] - [صحيح البخاري - 7280]

Explanation

Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no rebɔ yɛn amaneɛ sɛ ne dɔm nyina ara bɛwura ɔsoro aheman mu agye neɛ ɔno ara bɛpo!
Asuafoɔ no, Allah nnye wɔn ntom kaa sɛ: na hwan na bɛpo oh Allah somafoɔ?
Ɛna ɔyii wɔn ano sɛ (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no): obi biara a ɔbɛbrɛ ne ho ase, na wadi n'akyi, na watie somafoɔ no Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no no bɛwura ɔsoro aheman mu, na deɛ ɔbɛyɛ asoɔden na wammrɛ ne ho ase anni Islam mmrasɛm no so no, ɛneɛ na wapo sɛ ɔbɛwura ɔsoro aheman mu ɛnam ne nnwuma bɔne nti.

Benefits from the Hadith

  1. Osetie ma Ɔsomafoɔ no (Nyankopɔn nhyira ne asomdwoe nka no) yɛ osetie ma Onyankopɔn, na asoɔden tia no no yɛ asoɔden tia Onyankopɔn.
  2. Osetie ma Ɔkɔmhyɛni (Nyankopɔn nhyira ne asomdwoe nka no) ɛde wokɔ Ɔsoro Ahemman Turo no, na asoɔden tia no no de wokɔ Egya no mu.
  3. Asɛmpa ma asoɔmmrɛfoɔ a wɔwɔ ɔman yi mu: wɔn nyinaa bɛkɔ Ɔsoro Ahemman Turo no mu gye sɛ wɔn a wɔtia Onyankopɔn ne Ne Somafoɔ no.
  4. Mmɔborohunu a ɔwɔ ma ne man ne ɔpɛpa a na ɔwɔ sɛ ɔbɛkyerɛ wɔn kwan.
Translation: English Urdu Spanish Indonesian Uyghur Bengali French Turkish Russian Bosnian Sinhala Indian Chinese Persian Vietnamese Tagalog Kurdish Hausa Portuguese Malayalam Telgu Swahili Tamil Burmese Thai German Japanese Pashto Assamese Albanian Swedish amharic Dutch Gujarati Kyrgyz Nepali Yoruba Lithuanian Dari Serbian Somali Tajik Kinyarwanda Romanian Hungarian Czech الموري Malagasy Fulani Italian Oromo Kannada الولوف البلغارية Azeri اليونانية Uzbek Ukrainian الجورجية اللينجالا المقدونية الخميرية الماراثية
View Translations