+ -

عن مَعقِلِ بن يَسار المُزَنِيّ رضي الله عنه قال: إني سمعت رسول الله صلى الله عليه وسلم يقول:
«مَا مِنْ عَبْدٍ يَسْتَرْعِيهِ اللهُ رَعِيَّةً، يَمُوتُ يَوْمَ يَمُوتُ وَهُوَ غَاشٌّ لِرَعِيَّتِهِ، إِلَّا حَرَّمَ اللهُ عَلَيْهِ الْجَنَّةَ».

[صحيح] - [متفق عليه] - [صحيح مسلم: 142]
المزيــد ...

Yɛnyaa hadisi yi firii Mu'aqqil bin Yasaar Al-Muzniyu nkyɛn Allah nnye no ntom, ɔkaa sɛ: metee sɛ Allah somafoɔ, Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no, reka sɛ:
<>.

[صحيح] - [متفق عليه] - [صحيح مسلم - 142]

Explanation

Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no rebɔ yɛn amaneɛ sɛ, obibiara a Allah ayɛ no kannini a amanfoɔ hyɛ n'ase no, sɛ ɛyɛ okannini prɛkopɛ tesɛ ɔhene anaasɛ okannini titiriw te sɛ ɔbarima bi wɔ ne fie mu anaasɛ ɔbaa bi wɔ ne fie mu, obi a ɔbɛtɔ sini wɔ n'asodie a ɛsɛ sɛ ɔyɛ ma n'asefoɔ no, na wasisi wɔn na wanni nokware ama wɔn no, na wadi wɔn hwammɔ wɔ wɔn kyɛfa mu wɔ ɔsom ne wiase afa mu, ɛneɛ na saa su no fata asotwee a ano yɛ den.

Benefits from the Hadith

  1. Saa kɔkɔbɔ yi nkɔ mma akannifoɔ akɛseɛ ne wɔn ananmusifoɔ nko ara, na mmom ɛkɔ ma obiara a Allah de asodie bi ama no.
  2. Ɛyɛ nhyɛ ma obibiara a ɔdi biribi so wɔ muslimifoɔ asetena mu sɛ ɔdi nokware ma wɔn, na ɔbɔ ne ho mmɔden wɔ nneɛma a ɔrehwɛ so no so, na ɔnhwɛ na wanni wɔn hwammɔ.
  3. Asɛde kɛseɛ a ɛda obi a wɔde asodie bi ahyɛ ne nsa, sɛ ɛyɛ akannie prɛkopɛ anaasɛ titiriw bi, kɛseɛ anaasɛ ketewa.
Translation: English Urdu Spanish Indonesian Uyghur Bengali French Turkish Russian Bosnian Sinhala Indian Chinese Persian Vietnamese Tagalog Kurdish Hausa Portuguese Malayalam Telgu Swahili Tamil Burmese Thai German Japanese Pashto Assamese Albanian Swedish amharic Dutch Gujarati Kyrgyz Nepali Yoruba Lithuanian Dari Serbian Somali Tajik Kinyarwanda Romanian Hungarian Czech الموري Malagasy Fulani Italian Oromo Kannada الولوف البلغارية Azeri اليونانية Uzbek Ukrainian الجورجية اللينجالا المقدونية الخميرية الماراثية
View Translations
More ...