عن النعمان بن بَشِير رضي الله عنه قال: سمعت النبيَّ صلى الله عليه وسلم يقول:
«الدُّعَاءُ هُوَ الْعِبَادَةُ»، ثُمَّ قَرَأَ: «{وَقَالَ رَبُّكُمُ ادْعُونِي أَسْتَجِبْ لَكُمْ إِنَّ الَّذِينَ يَسْتَكْبِرُونَ عَنْ عِبَادَتِي سَيَدْخُلُونَ جَهَنَّمَ دَاخِرِينَ} [غافر: 60]».
[صحيح] - [رواه أبو داود والترمذي وابن ماجه وأحمد] - [سنن الترمذي: 3247]
المزيــد ...
Yɛnyaa Hadisi yi firii Anu'man bin Bashir nkyɛn Allah nnye no ntom ɔkaa sɛ: metee sɛ ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no reka sɛ:
<
[صحيح] - [رواه أبو داود والترمذي وابن ماجه وأحمد] - [سنن الترمذي - 3247]
Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no rebɔ yɛn amaneɛ sɛ, esipi sɛ mpaebɔ; ɛno ne nyamesom, nti ɛsɛsɛ mpaebɔ nyina ara yɛ Allah nti, sɛ ɛyɛ abisa anaa adesrɛ mpaeɛ o, sɛ ɔbɛsrɛ Allah Okokuroko mfasodeɛ bi, ne ahobammɔ firi neɛ ɛha no wɔ wiase ne atemmuada no, anaasɛ ɛyɛ nyamesom mpaeɛ, na ɛno ne ade biara a Allah pɛ na n'ani gye ho sɛ ɛyɛ kasa anaa dwumadie, neɛ apue ne neɛ asuma, akoma mu, honamdua mu anaa sika mu nyamesom.
Ansa na ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no kaa nyinasosɛm a ɛfa ho, Allah kaa sɛ: {Momfrɛ me na mɛgye mo so, esipi sɛ wɔn a akɛsesɛm wɔ wɔn mu sɛ ɔbɛsom Me no bɛwura ogya dareɛ no mu wɔ animguaseɛ mu}.