+ -

عن جابر بن عبد الله رضي الله عنهما قال: سمعت رسول الله صلى الله عليه وسلم يقول:
«مَنْ لَقِيَ اللهَ لَا يُشْرِكُ بِهِ شَيْئًا دَخَلَ الْجَنَّةَ، وَمَنْ لَقِيَهُ يُشْرِكُ بِهِ دَخَلَ النَّارَ».

[صحيح] - [رواه مسلم] - [صحيح مسلم: 93]
المزيــد ...

Firi Jaber bin Abdullah hɔ, Onyankopɔn ani nnye wɔn baanu nyinaa ho, ɔkaa sɛ: Metee sɛ Onyankopɔn Somafoɔ no, Onyankopɔn nhyira ne asomdwoe nka no, reka sɛ:
“Obiara a ɔbɛhyia Onyankopɔn, na wamfa biribiara ammata Ne ho no, ɔbɛwura Ɔsoro Ahemman turo no mu, na obiara a ɔbɛhyia No, na ɔde biribi abata Ne ho no, ɔbɛwura egya no mu.

[صحيح] - [رواه مسلم]

Explanation

Ɔkɔmhyɛni no, Nyankopɔn nhyira ne asomdwoeɛ nka no, ka kyerɛ yɛn sɛ obiara a ɔbɛwu a wamfa biribiara ammata Onyankopɔn ho no, wɔde no bɛto Ɔsoro Ahemman turo no mu, sɛ mpo wɔtwe n’aso wɔ ne bɔne no bi ho a, na obiara a ɔbɛwu a ɔde biribi bataa Onyankopɔn ho no bɛtena egya no mu daa.

Translation: English Urdu Spanish Indonesian Uyghur Bengali French Turkish Russian Bosnian Sinhala Indian Chinese Persian Vietnamese Tagalog Kurdish Hausa Portuguese Malayalam Telgu Swahili Tamil Burmese Thai German Japanese Pashto Assamese Albanian Swedish amharic Dutch Gujarati Kyrgyz Nepali Yoruba Lithuanian Dari Somali Tajik Kinyarwanda Romanian Hungarian Czech Malagasy Italian Oromo Kannada Azeri Uzbek Ukrainian
View Translations

Benefits from the Hadith

  1. Onyame koro mu gyidie su pa, na ɛyɛ nea enti a ɛsɛ sɛ wɔpɛ nkwagyeɛ firi daa asetena wɔ egya no mu.
  2. Ɔsoro Ahemman turo ne egya no bɛn a ɛbɛn akoa no ne sɛ biribiara nni ɔne wɔn ntam gye owuo.
  3. Kɔkɔbɔ fa mmatahosom ho, ne ketewa ne ne kɛseɛ ;Efiri sɛ nkwagyeɛ firi egya no nam kwati a wobɛkwati so.
  4. Asuadeɛ a ɛwɔ nnwuma mu no ne wɔn awieeɛ.