+ -

عن ابْنِ عُمَرَ رضي الله عنهما أنه سَمِعَ رَجُلًا يَقُولُ: لَا وَالْكَعْبَةِ، فَقَالَ ابْنُ عُمَرَ: لَا يُحْلَفُ بِغَيْرِ اللَّهِ، فَإِنِّي سَمِعْتُ رَسُولَ اللَّهِ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ يَقُولُ:
«مَنْ حَلَفَ بِغَيْرِ اللهِ فَقَدْ كَفَرَ أَوْ أَشْرَكَ».

[صحيح] - [رواه أبو داود والترمذي وأحمد] - [سنن الترمذي: 1535]
المزيــد ...

Yɛnya firii Ibn Umar Nyame anni nnye wɔn mmienu ho sɛ ɔtee sɛ barima bi reka sɛ:Daabi,mede Ka’aba di nse,na Ibn Umar kaa sɛ:Daabi yɛmfa obi nni nse gye sɛ Nyankopɔn,efiri sɛ metee sɛ Nyame somafoɔ-Nyame nhyira ne asomdwoe nka reka sɛ:
<< Obibiara ɔbɛdi nse a ɛnyɛ Nyankopɔn no,ayi boniayɛ anaasɛ wayɛ mmataho >>.

[صحيح] - [رواه أبو داود والترمذي وأحمد]

Explanation

Ɔkɔmhyɛni no, -Nyankopɔn nhyira ne asomdwoe nka no-bɔ amanneɛ sɛ obibiara a ɔde biribi foforɔ a ɛnyɛ Nyankopɔn ne Ne din ahodoɔ ne Ne su ahodoɔ bɛdi nse no,wayi Nyankopɔn no bɔniayɛ anaa wayɛ mmataho; efiri sɛ nsedie de kɛseyɔ ma deɛ wɔde di nse no, na kɛseyɔ ɛwɔ hɔ de ma Nyankopɔn no nko ara;enti yɛmfa biribiara nni nse gye sɛ Nyankopɔn ne Ne din ahodoɔ no ne Ne su ahodoɔ no, anuonyam nka no. Na saa nsedie yi ka mmataho ketewa ho,nanso sɛ wo di nse ne biribi na woyɛ no kɛse te sɛ Nyame Tumfoɔ anaa sɛ ɛkyɛn saa a,afei na akɔ yɛ mmataho kɛseɛ.

Translation: English Urdu Spanish Indonesian Uyghur Bengali French Turkish Russian Bosnian Sinhala Indian Chinese Persian Vietnamese Tagalog Kurdish Hausa Portuguese Malayalam Telgu Swahili Tamil Burmese Thai German Japanese Pashto Assamese Albanian Swedish amharic Dutch Gujarati Kyrgyz Nepali Yoruba Lithuanian Dari Somali Tajik Kinyarwanda Romanian Hungarian Czech Malagasy Italian Oromo Kannada Azeri Uzbek Ukrainian
View Translations

Benefits from the Hadith

  1. Ampa nsedie kɛseyɔ no yɛ Nyame Ɔhotefoɔ Kokuroko no kyɛfa nti yɛmfa biribi nni nse gye sɛ Nyame ne Ne din ahodoɔ ne Ne su ahodoɔ.
  2. Na kɔmhyɛni asuafoɔ no ani gye ho sɛ wɔbɛhyɛ ma wɔayɛ papa na wɔabra bɔne,titire sɛ bɔne no fa mmataho ho a,anaa sɛ ɛfa annye annie ho a.