+ -

عن أبي هريرة رضي الله عنه أن رسول الله صلى الله عليه وسلم قال:
«حُجِبَتِ النَّارُ بِالشَّهَوَاتِ، وَحُجِبَتِ الْجَنَّةُ بِالْمَكَارِهِ».

[صحيح] - [رواه البخاري] - [صحيح البخاري: 6487]
المزيــد ...

Abu Hurayrah Allah nnye no ntom kaa sɛ, Allah somafoɔ -Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no- kaa sɛ:
<< Wɔde akɔnɔdeɛ atwa ogya dareɛ no ho ahyia ɛna wɔde akyiwadeɛ atwa soro aheman ho ahyia>>.

[صحيح] - [رواه البخاري]

Explanation

Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no reda no adi akyerɛ yɛn sɛ wɔde nneyɛɛ a ɔkra no pɛ na atwa ogya dareɛ no ho ahyia, te sɛ ɔreyɛ neɛ wabra anaa sɛ ɔregyae n'ahyɛdeɛ; Na neɛ ɔbɛdi ne kra akɔnɔdeɛ akyi no saa kwan yi so no, ogya dareɛ no ayɛ nhyɛ ama no. Na ɔsoro aheman no deɛ wɔde nneyɛɛ a ɔkra no kyiri na atwa ho ahyia; te sɛ worehyɛ wo ho so ayɛ neɛ wahyɛ wo na wagyae neɛ wabra wo; na wasi abotare wɔ saa kwan no so, na sɛ ɔtu ne ho kyɛ na ɔbɔ no ho mmɔden sɛ wɔ saa kwan no so a; ɔsoro aheman mu wura ayɛ nhyɛ wɔ no so.

Translation: English Urdu Spanish Indonesian Uyghur Bengali French Turkish Russian Bosnian Sinhala Indian Chinese Persian Vietnamese Tagalog Kurdish Hausa Portuguese Malayalam Telgu Swahili Tamil Burmese Thai German Japanese Pashto Assamese Albanian Swedish amharic Dutch Gujarati Kyrgyz Nepali Yoruba Lithuanian Dari Somali Tajik Kinyarwanda Romanian Hungarian Czech Malagasy Italian Oromo Kannada Azeri Uzbek Ukrainian
View Translations

Benefits from the Hadith

  1. Nneɛma a ɛma obi tɔ akɔnnɔdeɛ mu ne sɛ ɔbonsam bɛyɛ bɔne ne atantandeɛ fɛfɛɛfɛ wɔ n'ani so, kɔpem sɛ ɔkra no bɛhunu no sɛ adepa na akyim akɔ so.
  2. Hyɛ a wɔrehyɛ yɛn sɛ yɛntwe yɛn ho mfiri akɔnnɔdeɛ a wabra yɛn ho; ɛfiri sɛ ɛyɛ ɔkwan a ɛrekɔ ogya dareɛ mu, na wasi abotare wɔ akyiwadeɛ ho, ɛfiri sɛ ɛno ne ɔkwan a ɛrekɔ ɔsoro aheman mu.
  3. Su pa a ɛwɔ mu sɛ wobɛko nko den na wabɔ wo ho mmɔden wɔ nyamesom mu na wasi abotare wɔ akyiwadeɛ ne ahokyerɛ a atwa sotie ho ahyia no.