+ -

عن أبي هريرة رضي الله عنه قال: سمعت رسول الله صلى الله عليه وسلم يقول:
«حَقُّ الْمُسْلِمِ عَلَى الْمُسْلِمِ خَمْسٌ: رَدُّ السَّلَامِ، وَعِيَادَةُ الْمَرِيضِ، وَاتِّبَاعُ الْجَنَائِزِ، وَإِجَابَةُ الدَّعْوَةِ، وَتَشْمِيتُ الْعَاطِسِ».

[صحيح] - [متفق عليه] - [صحيح البخاري: 1240]
المزيــد ...

Abu Hurayrah Allah nnye no ntom kaa sɛ: metee sɛ Allah somafoɔ no -Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no- reka sɛ:
<(salaam), na ɔbɛkɔ akɔsra no sɛ ɔyare a, na ɔbɛdi n'akyi ama wɔayɛ owufoɔ som ama no, na ɔbɛgye no frɛ so (sɛ ɔto ne nsa frɛ no dwumadie bi ase a), na ɔbɛgye no so sɛ ɔnwansi a>>.

[صحيح] - [متفق عليه]

Explanation

Ɔkɔmhyɛni -Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no- reda kyɛfa a Muslimini wɔ wɔ onua Muslimini so adi akyerɛ yɛn, Kyɛfa a edikan ne sɛ wobɛgye neɛ wato wo (salaam) so.
Kyɛfa a ɛtɔ so mmienu: wore kɔsra ɔyarefoɔ.
Kyɛfa a ɛtɔ so mmiɛnsa: woredi owufoɔ akyi afiri no fie akɔ beaɛ a wɔreyɛ owufoɔ asɔre agu no so, akɔ amusieɛ kɔpem sɛ wɔbɛ sie no.
Kyɛfa a ɛtɔ so ɛnan: sɛ wobɛgye no so sɛ ɔfrɛ wo ayeforɔ nhyiamu bi ase ne neɛ ɛkeka ho a.
Kyɛfa a ɛtɔ so ɛnum: wobɛbɔ mpaeɛ ama no sɛ ɔnwansi a, na ɛne sɛ; sɛ ɔda Allah ase a wobɛka akyerɛ no sɛ; ''yarhamka llah'', (Allah nhu wo mmɔbɔ), na afei neɛ ɔnwansiiɛ no aka sɛ, ''yahdiikumu llahu wa yuslih baalakum'', (Allah ntene mo na Ɔnyɛ mo mmɔdemmɔ papa mma mo.)

Translation: English Urdu Spanish Indonesian Uyghur Bengali French Turkish Russian Bosnian Sinhala Indian Chinese Persian Vietnamese Tagalog Kurdish Hausa Portuguese Malayalam Telgu Swahili Tamil Burmese Thai German Japanese Pashto Assamese Albanian Swedish amharic Dutch Gujarati Kyrgyz Nepali Yoruba Lithuanian Dari Somali Tajik Kinyarwanda Romanian Hungarian Czech Malagasy Italian Oromo Kannada Azeri Uzbek Ukrainian
View Translations

Benefits from the Hadith

  1. Islamsom kɛseɛ no ara gyina sɛ worehyɛ kyɛfa a ɛwɔ wo ne Muslimifoɔ ntam kena na wobɛhyɛ onuadɔ a ɛwɔ mo ntam den.
More ...