+ -

عَنْ أَبِي هُرَيْرَةَ رضي الله عنه أَنَّهُ قَالَ:
قِيلَ: يَا رَسُولَ اللهِ، مَنْ أَسْعَدُ النَّاسِ بِشَفَاعَتِكَ يَوْمَ الْقِيَامَةِ؟ قَالَ رَسُولُ اللهِ صَلَّى اللهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ: «لَقَدْ ظَنَنْتُ يَا أَبَا هُرَيْرَةَ أَنْ لَا يَسْأَلَنِي عَنْ هَذَا الْحَدِيثِ أَحَدٌ أَوَّلُ مِنْكَ؛ لِمَا رَأَيْتُ مِنْ حِرْصِكَ عَلَى الْحَدِيثِ، أَسْعَدُ النَّاسِ بِشَفَاعَتِي يَوْمَ الْقِيَامَةِ، مَنْ قَالَ لَا إِلَهَ إِلَّا اللهُ خَالِصًا مِنْ قَلْبِهِ أَوْ نَفْسِهِ»».

[صحيح] - [رواه البخاري] - [صحيح البخاري: 99]
المزيــد ...

Firi Abu Hurairah hɔ, Onyankopɔn ani nnye no,ho ɔkaa sɛ:
Wɔkaa sɛ, O Onyankopɔn Somafoɔ, hwan na ɔbɛnya anigyeɛ wɔ nnipa mu wɔ wo ntamgyina mu wɔ Owusɔreɛ Da no? Nyame Somafoɔ, Nyame nhyira ne asomdwoe nka no, kaa sɛ: “Mesusuu sɛ, O Abu Hurairah, sɛ obiara remmisa me saa Hadith yi nnya wo, berɛ a mehunuu sɛ wo ho pere wo fa Hadith no ho no,nnipa a ɔbɛnya anigyeɛ wɔ me ntamgyina no ho wɔ Wusɔreɛ Da no, ne obi a ɔka sɛ Nyame biara nni hɔ gye sɛ Allaah, wɔ gyidie mu firi n’akoma mu anaa ne kra mu.

[صحيح] - [رواه البخاري]

Explanation

Ɔkɔmhyɛni no, Onyankopɔn nhyira ne asomdwoe nka no, ka kyerɛ yɛn sɛ nnipa a wɔn ani gye paa wɔ ne ntamgyina mu wɔ Owusɔreɛ Da no ne deɛ ɔka sɛ: “Onyame biara nni hɔ gye Onyankopɔn (Allaah) wɔ nokorɛ mu firi n’akoma mu,” a ɛkyerɛ sɛ, biribiara nni hɔ a yɛsom no nokorɛ mu gye sɛ Nyankopɔn(Allaah), na wade ne ho afiri mmatahosom ne nyɛkyerɛ ho.

Translation: English Urdu Spanish Indonesian Uyghur Bengali French Turkish Russian Bosnian Sinhala Indian Chinese Persian Vietnamese Tagalog Kurdish Hausa Portuguese Malayalam Telgu Swahili Tamil Burmese Thai German Japanese Pashto Assamese Albanian Swedish amharic Dutch Gujarati Kyrgyz Nepali Yoruba Lithuanian Dari Somali Tajik Kinyarwanda Romanian Hungarian Czech Malagasy Italian Oromo Kannada Azeri Uzbek Ukrainian
View Translations

Benefits from the Hadith

  1. Adansedie a ɛkyerɛ sɛ ntamgyina no wɔ ɔkɔmhyɛni no, Nyankopɔn nhyira ne asomdwoe nka no, wɔ owuo akyi asetena mu, na ɛyɛ wɔn a wɔgye onyame baako pɛ no nko ara die.
  2. Ne ntamgyina, Nyankopɔn nhyira ne asomdwoe nka no, yɛ n’adesrɛ ma Onyankopɔn Tumfoɔ ma wɔn a wɔgye onyame baako a wɔmfata sɛ wɔwura egya no mu, na wɔn a wɔawura mu no nso mfiri mu.
  3. Onyame baako no mu gyidie asɛm mu nneyɛɛ pa wɔ nokorɛ mu no nyinaa wɔ Nyankopɔn(Allaah)Tumfoɔ ne ne nsunsuanso kɛseɛ.
  4. Asɛmfua onyame baako mu gyidie ntease nam nimdeɛ so ne dwumadie a ɛne no kɔ.
  5. Abu Hurairah suban pa, Onyankopɔn ani nnye ne ho, ne n’anigyeɛ a ɔwɔ sɛ ɔbɛnya nimdeɛ.