+ -

عَن عُمَرَ بنِ الخَطَّابِ رَضِيَ اللَّهُ عَنْهُ قال: سَمِعْتُ النَّبِيَّ صَلَّى اللَّهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ يَقُولُ:
«لَا تُطْرُونِي كَمَا أَطْرَتِ النَّصَارَى ابْنَ مَرْيَمَ؛ فَإِنَّمَا أَنَا عَبْدُهُ، فَقُولُوا: عَبْدُ اللهِ وَرَسُولُهُ».

[صحيح] - [رواه البخاري] - [صحيح البخاري: 3445]
المزيــد ...

Firi Umar Ibn Al-Khattab hɔ Nyame ani nnye ne ho,ɔkaa sɛ:"metee sɛ kɔmhyɛni no Nyame nhyira ne asomdwoe nka no reka sɛ:
Mma mommu me sɛdeɛ kristofoɔ bu Maria ba no; efiri sɛ meyɛ N’akoa nkutoo, na mmom monka sɛ: Nyame akoa ne Ne somafoɔ".

[صحيح] - [رواه البخاري]

Explanation

Kɔmhyɛni no, Nyame nhyira ne asomdwoe nka no,baraa ayeyi a ɛboro so ne n’ayeyi a ɛboro mmara kwan so afei, sɛ yɛde Otumfoɔ Nyankopɔn su ahodoɔ ne ne nneyɛeɛ pɔtee no bɛsusu no(Kɔmhyɛni), anaa sɛ ɔnim nsumaeɛ mu nsɛm, anaa ɔne Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu, . sɛnea Kristofoɔ no yɛe wɔ Maria ba Yesu ho no, asomdwoe nka no. Afei ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɔyɛ Onyankopɔn akoa, na ɔhyɛɛ sɛ yɛnka ne ho asɛm sɛ: Onyankopɔn akoa ne Ne Somafoɔ.

Translation: English Urdu Spanish Indonesian Uyghur Bengali French Turkish Russian Bosnian Sinhala Indian Chinese Persian Vietnamese Tagalog Kurdish Hausa Portuguese Malayalam Telgu Swahili Tamil Burmese Thai German Japanese Pashto Assamese Albanian Swedish amharic Dutch Gujarati Kyrgyz Nepali Yoruba Lithuanian Dari Somali Tajik Kinyarwanda Romanian Hungarian Czech Malagasy Italian Oromo Kannada Azeri Uzbek Ukrainian
View Translations

Benefits from the Hadith

  1. Kɔkɔbɔ fa sɛ,ɛnsɛ sɛ wɔma anuonyam ne ayeyi boro mmara kwan so deɛ no; Efiri sɛ ɛno de mmatahosom ba.
  2. Nea Ɔkɔmhyɛni no, Onyankopɔn nhyira ne asomdwoe nka no, bɔɔ kɔkɔ wɔ ho no asi wɔ ɔman yi mu, na nnipa kuo bi yɛ de daadaa Onyankopɔn Somafoɔ no, Onyankopɔn nhyira ne asomdwoe nka no, kɔmhyɛni abusuafoɔ kuo no bi, ne ahotefoɔ kuo bi, na wɔtehwee mmataho som mu.
  3. Nyame Somafoɔ, Nyame nhyira ne asomdwoeɛ nka no, frɛɛ ne ho sɛ Nyankopɔn akoa. Sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛkyerɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn somfo ampa, ɛnsɛ sɛ Awurade no su biara kɔma no.
  4. Onyankopɔn Somafoɔ, Nyankopɔn nhyira ne asomdwoeɛ nka, kaa ne ho asɛm sɛ ɔyɛ Onyankopɔn somafoɔ. Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔdebɛkyerɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn somafoɔ a Nyankopɔn asoma no firi Ne kyɛn, enti ɛwɔ sɛ yɛgye no di na yɛdi n’akyi.