+ -

عن عمر بن الخطاب رضي الله عنه قال: قال رسول الله صلى الله عليه وسلم:
«إِنَّمَا الْأَعْمَالُ بِالنِّيَّةِ، وَإِنَّمَا لِامْرِئٍ مَا نَوَى، فَمَنْ كَانَتْ هِجْرَتُهُ إِلَى اللهِ وَرَسُولِهِ، فَهِجْرَتُهُ إِلَى اللهِ وَرَسُولِهِ، وَمَنْ كَانَتْ هِجْرَتُهُ لِدُنْيَا يُصِيبُهَا أَوِ امْرَأَةٍ يَتَزَوَّجُهَا، فَهِجْرَتُهُ إِلَى مَا هَاجَرَ إِلَيْهِ». وفي لفظ للبخاري: «إِنَّمَا الْأَعْمَالُ بِالنِّيَّاتِ، وَإِنَّمَا لِكُلِّ امْرِئٍ مَا نَوَى».

[صحيح] - [متفق عليه] - [صحيح مسلم: 1907]
المزيــد ...

Ye nya feri UMAR BUN KHATAAB-Nyame peninee nka nu- ka se:KƆmwhenee-Asomdwe ne nhyira nka nu-ka se:
<>. Na ɛwɔ Bukhari mu nso no: << Esipi sɛ nnwumadie nyina ara gyina nkankyeɛ so, na ɔdasani biara bɛnya ne nkankyeɛ so akatua>>

[صحيح] - [متفق عليه] - [صحيح مسلم - 1907]

Explanation

Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no rekyerɛkyerɛ mu sɛ dwumadie biara no wɔde nkankyeɛ a ɛtaa akyire na bu atɛn, saa mmra yi kɔ ma Nyame-nnwuma ne nnipa nkitahodie nyina ara prɛko pɛ, na obibiara a ne tirimupɔ ne sɛ ɔnam ne nsa ano nnwuma so bɛnya mfasoɔ bi no; ɔnya agye mfasoɔ no nko ara a akatua nka ho, na obibiara nso a ne tirimupɔ ne sɛ ɔnam ne nnwuma so bɛbɛn Allah Okokuroko no, ɔbɛnya mfasoɔ ne akatua mpo sɛ ɛyɛ dwumadi fotaa bi a, te sɛ adidie ne ɔnom.
Afei, Ɔkɔmhyɛni - Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no - yɛɛ mfatoho de kyerɛɛ nsunsuansoɔ a nkankyeɛ wɔ wɔ nnwuma so, ɛmfa ho sɛ ɛda adi sɛ wɔn nyina ara yɛ pɛ, na ɔkyerɛɛ mu sɛ obibiara ne tirimupɔ ne sɛ ɔbɛtu kwan agyae ne kuro de ahwehwɛ n'awurade nnyetomu no, ɛneɛ na n'akwantuo no yɛ akwantuo a mmara ma ho kwan na wɔgye tom a wɔbɛtua no ho ka ɛnam ne nkankye pa nti, na obibiara nso a ne tirimupɔ ne sɛ ɔretu kwan akɔpɛ wiase mu mfasodeɛ bi nti no, sɛ ɛyɛ sika anaa sɛ animuonyam, anaa dwadie anaa sɛ hokafoɔ (ɔyere anaa okunu), ɛneɛ ɔrennya biribi foforɔ biara mfiri n'akwantuo no mu agye mfasoɔ a na ɔpɛ sɛ ɔnya no, na ɔnni kyɛfa biara wɔ akatua ne nhyira mu.

Benefits from the Hadith

  1. Nkuranhyɛ wɔ gyedie krɔgyenn mu, ɛfiri sɛ Allah nnye dwumadie bi ntom agye neɛ ɔyɛɛ no No nti.
  2. Nnwumadie a ɔdi de bɛn Allah Okokuroko no sɛ obi di no sɛ daadaa dwumadie bi kwa a, ɛneɛ ɔnni nhyira wɔ ho, kɔpem sɛ ne tirimupɔ bɛyɛ sɛ ɔredi saa dwuma no de abɛn Allah.
Translation: English Urdu Spanish Indonesian Uyghur Bengali French Turkish Russian Bosnian Sinhala Indian Chinese Persian Vietnamese Tagalog Kurdish Hausa Portuguese Malayalam Telgu Swahili Tamil Burmese Thai German Japanese Pashto Assamese Albanian Swedish amharic Dutch Gujarati Kyrgyz Nepali Yoruba Lithuanian Dari Serbian Somali Tajik Kinyarwanda Romanian Hungarian Czech الموري Malagasy Fulani Oromo Kannada الولوف البلغارية Azeri اليونانية Uzbek Ukrainian الجورجية المقدونية
View Translations