عن أبي هريرة رضي الله عنه قال: قال رسول الله صلى الله عليه وسلم:
«إِنَّ اللهَ لَا يَنْظُرُ إِلَى صُوَرِكُمْ وَأَمْوَالِكُمْ، وَلَكِنْ يَنْظُرُ إِلَى قُلُوبِكُمْ وَأَعْمَالِكُمْ».
[صحيح] - [رواه مسلم] - [صحيح مسلم: 2564]
المزيــد ...
Hadiis a yɛnya firi Abii Huraira hɔ Onyame penie nka no aka sɛ: Ɔkɔmhyɛni Mohammɛd Onyame nhyira ne n'asomudwoe nka no aka sɛ:
<
[صحيح] - [رواه مسلم] - [صحيح مسلم - 2564]
Ɔkɔmhyɛni (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) rekyerɛ yɛn mu sɛ, ''Ɔno Allah Ɔhoteeni Okokuroko no, Ɔnhwɛ ne nkoa bɔbia ne wɔn honamdua, sɛ ne ho yɛ fɛ anaa ɛnyɛ fɛ? sɛ ɔso anaa ɔsua? anaa ɔwie pɛyɔ anaa ɔtɔ sin? Ɛna Ɔnhwɛ wɔn ahonyadeɛ so, sɛ ɛdɔɔso anaa ɛsua? Na Allah Otumfoɔ no Ɔnsɔ Ne nkoa mu ɛna Ɔmmu wɔn atɛn wɔ saa ɔkwan wei so anaa nsonsonoeɛ a ɛwɔ mu ho, na mmom Ɔhwɛ wɔn akoma mu ne nyamesuro ne awerɛhyɛmu, nokware ne gyedie krɔgyenn, anaa sɛ woreyɛ no nnipa nti na wagye din, na Ɔhwɛ wɔn nnwuma sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne, na Wahyɛ anan na watua ka wɔ so.