TAWHEEDUL ASMAA WA SIFAAT:Edin ne su ahorow a wɔka bom.

3Hadiisi ahodoɔ a wɔahyehyɛ

Hadiisi ahodoɔ a wɔahyehyɛ 3

Esipi sɛ Allah atwerɛ papa ne bɔne ahodoɔ nyina ara, ɛna afei Wakyerɛ mu, na obi a ɔbɛbɔ ne ho mmɔden sɛ ɔreyɛ papa bi na wantumi anyɛ no, Allah twerɛ papa n'akatua a ɛhyɛ ma ma no, na sɛ ɔbɔ ne ho mmɔden na ɔyɛ nso a, Allah twerɛ akatua pa ɛfiri ɛdu kɔpem ahanson ne mmɔho mmɔho bebree ma no, na neɛ ɔbɛpɛ sɛ ɔyɛ bɔne bi na wanyɛ no, Allah twerɛ nhyira a ɛhyɛ ma ma no, na sɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ bɔne bi na sɛ ɔyɛ ampa a, Allah twerɛ bɔne baako pɛ na ma no
Esipi sɛ Ɔno Allah no Ɔnhwɛ mo bɔbia anaa mo ahonyadeɛ so, (ntua mo ka) na mmom Ɔhwɛ mo akoma mu ne mo nnwumadie so
“O Me nkoa, mabara asisie ama Me ho na mabara wɔ mo ntam, enti mma monsisi mo ho mo ho