1. animu Ankasa
  2. nhyehyɛmu
  3. Suban pa ne neaye pa.

Kasa (ɔkɔmhyɛni kasa) Sɛ muslimifoɔ mmienu de wɔn sikan hyia mu a; ɛneɛ na owudifoɔ no ne neɛ wadi no awu no nyina ara yɛ ogya mu nnipa

عن أبي بَكرة رضي الله عنه قال: سمعت رسول الله صلى الله عليه وسلم يقول:
«إِذَا الْتَقَى الْمُسْلِمَانِ بِسَيْفَيْهِمَا فَالْقَاتِلُ وَالْمَقْتُولُ فِي النَّارِ»، فَقُلْتُ: يَا رَسُولَ اللهِ هَذَا الْقَاتِلُ، فَمَا بَالُ الْمَقْتُولِ؟ قَالَ: «إِنَّهُ كَانَ حَرِيصًا عَلَى قَتْلِ صَاحِبِهِ».

Yɛnyaa hadisi yi firii Abubakara hɔ, Allah nnye no ntom ɔkaa sɛɛ: metee sɛ Allah somafoɔ no -Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no- reka sɛ:
«Sɛ muslimifoɔ mmienu de wɔn sikan hyia mu a; ɛneɛ na owudifoɔ no ne neɛ wadi no awu no nyina ara yɛ ogya mu nnipa» na mekaa sɛ: oh Allah somafoɔ! wei deɛ ɔyɛ owudini na neɛ wadi no awu no nsoɛ? Ɔkaa sɛ: << esipi sɛ ɔno nso pɛɛ sɛ ɔkum ne yɔnko no>>.

صحيح متفق عليه صحيح البخاري - 31

Nkyerɛ mu

Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no rebɔ yɛn amaneɛ sɛ, sɛ muslimifoɔ mmienu de wɔn sikan hyia mu na wɔn mu biara tirimupɔ ne sɛ okum ɔnua a, ɛneɛ na owudifoɔ no bɛkɔ ogya mu ɛnam sɛ wakum ne yɔnko no prɛko pɛ. Neɛ wakum noɔ n'asɛm yɛɛ asuafoɔ no nwanwa, esidɛn na ɔno nso kɔ ogya mu? Ɛna ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no bɔɔ wɔn amaneɛ sɛ ɔno nso bɛkɔ ogya mu ɛnam ɔno nso ahokeka a ɔyɛɛ sɛ ɔrekum ne yɔnko no, na ɛnyɛ biribiara na sii no kwan a amma wankum ne yɔnko no ɛka sɛ ne yɔnko no diikan kum noɔ.

Mfasoɔ a ɛwɔ hadiisi no mu

  1. Asotwee wɔ hɔ ma obi a wabɔ n'akoma mu sɛ ɔbɛyɛ bɔne bi na ɔde ne ho ahyɛ nneɛma a ɛde ba no mu.
  2. Kɔkɔbɔ a ano ɛyɛ den retia muslimifoɔ wɔreko tia wɔn ho ne ahwɛyie fa ogya dareɛ no ho.
  3. Muslimifoɔ ntam ako a ɛnam nokware kwan so nka saa kɔkɔbɔ no ho, te sɛ woreko tia atuatefoɔ ne asɛesɛefoɔ.
  4. Neɛ ɔyɛ bɔne akɛseɛ no bi nyɛ bɔniayɛni (kaafirini) berɛ ɔbɛyɛ bɔne no prɛko pɛ, ɛfiri sɛ ɔkɔmhyɛni -Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no- frɛɛ akofoɔ mmienu no muslimifoɔ.
  5. Sɛ muslimifoɔ mmienu nam ɔkwan biara so a ɛbɛtumi adi awu de si anii, na wɔn mu baako kum ne yɔnko a, neɛ wadi awu ne neɛ yɛadi no awu no nyina ara bɛkɔ ogya mu, sikan a Ɔbɔɔ din wɔ hadisi no mu no yɛ mfatoho kwan so.

Kyerɛ nkyerɛaseɛ ahodoɔ no.

68 kasa no
EN English الإنجليزية
UR اردو الأوردية
ES Español الإسبانية
ID Indonesia الإندونيسية
UG ئۇيغۇرچە الأيغورية
BN বাংলা البنغالية
FR Français الفرنسية
TR Türkçe التركية
RU Русский الروسية
BS Bosanski البوسنية
SI සිංහල السنهالية
HI हिन्दी الهندية
ZH 中文 الصينية
FA فارسی الفارسية
VI Tiếng Việt الفيتنامية
TL Tagalog تجالوج
KU Kurdî الكردية
HA Hausa الهوسا
PT Português البرتغالية
ML മലയാളം المليالم
TE తెలుగు التلغو
SW Kiswahili السواحيلية
TA தமிழ் التاميلية
MY မြန်မာ البورمية
TH ไทย التايلندية
DE Deutsch الألمانية
JA 日本語 اليابانية
PS پښتو بشتو
AS অসমীয়া الأسامية
SQ Shqip الألبانية
SV Svenska السويدية
AM አማርኛ الأمهرية
NL Nederlands الهولندية
GU ગુજરાતી الغوجاراتية
KY Кыргызча القيرقيزية
NE नेपाली النيبالية
YO Yorùbá اليوروبا
LT Lietuvių الليتوانية
PRS دری الدرية
SR Српски الصربية
SO Soomaali الصومالية
TG тоҷикӣ الطاجيكية
RW Kinyarwanda الكينياروندا
RO Română الرومانية
HU Magyar المجرية
CS Čeština التشيكية
MOS Moore الموري
MG Malagasy المالاجاشية
FF Fulfulde الفولانية
IT Italiano الإيطالية
OM Oromoo الأورومو
KN ಕನ್ನಡ الكانادا
WO Wolof الولوف
BG Български البلغارية
AZ Azərbaycan الأذربيجانية
EL Ελληνικά اليونانية
UZ O‘zbek الأوزبكية
UK Українська الأوكرانية
KA ქართული الجورجية
LN Lingala اللينجالا
MK Македонски المقدونية
KM ភាសាខ្មែរ الخميرية
BM Bambara البامبارية
PA ਪੰਜਾਬੀ البنجابية
MR मराठी الماراثية
RN Kirundi الكيروندي
YAO Yao الياو
KMR Kurmancî الكرمنجية