+ -

عن أبي هريرة رضي الله عنه عن النبي صلى الله عليه وسلم قال:
«اجْتَنِبُوا السَّبْعَ الْمُوبِقَاتِ»، قَالُوا: يَا رَسُولَ اللهِ وَمَا هُنَّ؟ قَالَ: «الشِّرْكُ بِاللهِ، وَالسِّحْرُ، وَقَتْلُ النَّفْسِ الَّتِي حَرَّمَ اللهُ إِلَّا بِالْحَقِّ، وَأَكْلُ الرِّبَا، وَأَكْلُ مَالِ الْيَتِيمِ، وَالتَّوَلِّي يَوْمَ الزَّحْفِ، وَقَذْفُ الْمُحْصَنَاتِ الْمُؤْمِنَاتِ الْغَافِلَاتِ».

[صحيح] - [متفق عليه] - [صحيح البخاري: 2766]
المزيــد ...

Abii Huraira Onyame penie nka no aka sɛ: ɔkɔmhyɛni Mohammɛd Onyame nhyira ne asomdwoe nka no kaa sɛ:
(Montwe mo ho mfiri ade nson a ɛsɛe onipa ho, na asuafoɔ no kaa sɛ: Oh Allah somafoɔ! na ɛno ne deɛn? Ɔkaa sɛ: abosomsom ne nkonyaayie, ne Nipakum a Onyame ayɛ no akyiwade gye nokware kwan so, ne nsihodie, Agyanka sikadie, ne ako mu mmirikatuo,ne adwaman nkontompo wɔ agyidifoɔ mmaa ahoteefoɔ a wɔ bɔ wɔn ho ban).

[صحيح] - [متفق عليه]

Explanation

Allah somafoɔ no Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no rehyɛ ne dɔm sɛ wɔntwe wɔn ho mfiri bɔne ne asoɔden nson bi a ɛtumi sɛe onipa ho, na berɛ wɔbisaa no sɛ ɛno ne deɛn no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛno ne:
Neɛ ɛdi kan:Mmataho som ka Nyame ho, sɛ wobɛfa biribi sɛ Ne hokafoɔ anaa Ne sɛsoɔ,Ne ho te firi mmfoni biara a wɔayɛ wɔ hɔ ma No, na wode ɛsom biara bɛma obi wɔ Nyame Tumfoɔ no akyi,na ɔhyɛɛ aseɛ firii mmataho so; efiri sɛ ɛno ne bɔne a ɛso paa.
Neɛ ɛtɔ so mmienu: ASSIHRƐ/nkonyaa ne ɛpɔbɔ ne adutoɔ bi a ɛbɛtumi de yareɛ bi ato obi so anaa sɛ owuo anaa ɛbɛtete awarefoɔ bi ntam, na ɛyɛ bonsam adwuma, na ɛmu dodoɔ no ara ɛnnuru wɔn botaeɛ ho agye wɔnam bosomsom kwan so na wɔde nneɛma binom rebɛn ahomhom bɔne a ɛmfata.
Neɛ ɛtɔ so mmiɛnsa: worekum ɔkra a Onyankopɔn abra sɛ wɔkum no agye wɔnam mmarakwan so a ɛtɔ asom a otemmuafoɔ abua.
Neɛ ɛtɔ so nan : RIBAH (Mfasoa bɔne) sɛ wobɛdi anaa sɛ wobɛdi ho mfasoɔ wɔ ɔkwan bi so.
Neɛ ɛtɔ so num: nnyanka sika die, wobɛsɛe agyanka bi sika ketewa bi a ɛnyɛ mmara kwan so, obi a ɔpapa awu agya no na ɔnnuruu ne mpanin mfeɛ so.
Neɛ ɛtɔ so nsia: wobɛdwane afiri akobea berɛ a eɔne abonniayɛfoɔ reko.
Neɛ ɛtɔso nson: sɛ wode adwan soboɔ rebɔ akronkronfoɔ mmaa anaa sɛ akronkronfoɔ mmarimaa so.

Translation: English Urdu Spanish Indonesian Uyghur Bengali French Turkish Russian Bosnian Sinhala Indian Chinese Persian Vietnamese Tagalog Kurdish Hausa Portuguese Malayalam Telgu Swahili Tamil Burmese Thai German Japanese Pashto Assamese Albanian Swedish amharic Dutch Gujarati Kyrgyz Nepali Yoruba Lithuanian Dari Serbian Somali Tajik Kinyarwanda Romanian Hungarian Czech Malagasy Italian Oromo Kannada Azeri Uzbek Ukrainian
View Translations

Benefits from the Hadith

  1. Bɔne akɛseɛ no nnyina nson nko, na wɔayi saa nson yi adi wɔ wɔn kɛseyɛ ne wɔn nsunsuansoɔ ho.
  2. Wɔma ho kwan sɛ wɔkum kra bi sɛ ɛwɔ nokware kwan so a, te sɛ sɛ obi kum obi a, sɛ muslimini bi po Islamsom fa ɔsom foforɔ a, adwammammɔ wɔ berɛ a waware, na otemmuafoɔ mmaranimfoɔ na hwɛ ma no kɔ so.
More ...