عن ابنِ عُمَرَ رضي الله عنهما قال: قال رسولُ الله صلَّى الله عليه وسلم:
«مَن تَشَبَّهَ بِقَوْمٍ فَهُوَ مِنْهُمْ».
[حسن] - [رواه أبو داود وأحمد] - [سنن أبي داود: 4031]
المزيــد ...
Yɛnyaa hadisi yi firii Ibn Umar nkyɛn Allah nnye wɔn ntom ɔkaa sɛ, Allah somafoɔ, Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no ɔkaa sɛ:
<
[حسن] - [رواه أبو داود وأحمد] - [سنن أبي داود - 4031]
Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no rebɔ yɛn amaneɛ sɛ obibiara a ɔbɛsuasua nkrɔfoɔ binom wɔ annyeanniefoɔ, anaa ɔbrasɛeɛfoɔ anaa apapafoɔ bi - ɛne sɛ ɔreyɛ biribi a ɛyɛ wɔn gyedie su bi, anaa wɔn nyamesom bi, anaa wɔn amammerɛ bi- na ɔka wɔn ho; ɛfiri sɛ woresuasua wɔnom apueɛ (honam) mu no kyerɛ sɛ woresuasua wɔnom wɔ kokoam mu (akoma) mu, na akyinnyeɛ biara nni mu sɛ woresuasua nkrɔfoɔ binom firi w'ani a ɛgye wɔn ho nti, na ɛbetumi ama wadɔ wɔn, na wakrɔn wɔn, na wode wo ho ato wɔn so, na wei kyerɛ sɛ onipa bi betumi asuasua nkrɔfoɔ binom wɔ kokoam mu ne nyamesom mu- Allah mpa nnwu.