عن أبي هريرة رضي الله عنه أن رسول الله صلى الله عليه وسلم قال:
«لَيْسَ الشَّدِيدُ بِالصُّرَعَةِ، إِنَّمَا الشَّدِيدُ الَّذِي يَمْلِكُ نَفْسَهُ عِنْدَ الْغَضَبِ».
[صحيح] - [متفق عليه] - [صحيح البخاري: 6114]
المزيــد ...
Yɛnyaa Hadisi yi firii Abu Hurayrah nkyɛn, Allah nnye no ntom, sɛ Allah somafoɔ, Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no kaa sɛ:
<< Ɛnyɛ ɔhoɔdenfoɔ ne deɛ ɔboro ne yɔnko wɔ ntɔkwa mu na mmom ɔhoɔdenfoɔ ne deɛ ɔtumi hyɛ ne ho so wɔ abufuo berɛ mu>>.
[صحيح] - [متفق عليه] - [صحيح البخاري - 6114]
Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no rekyerɛ yɛn mu sɛ, esipi sɛ ahoɔden ankasa nyɛ honam mu ahoɔden, anaasɛ deɛ ɔne n'afɛfoɔ ahoɔdenfoɔ di aperepereɛ, na mmom ɔhoɔdenfoɔ ne deɛ wako atia ne kra na wabrɛ no ase wɔ berɛ a abufuo ahyɛ no so, ɛfiri sɛ wei kyerɛ ahohyɛsoɔ a ɛmu yɛ den wɔ ne kra so ɛne nkonim a wadi wɔ ɔbonsam so.