+ -

عن أبي هريرة رضي الله عنه أن رسول الله صلى الله عليه وسلم قال:
«كان رجلٌ يُدَايِنُ الناسَ، فكان يقول لفتاه: إذا أتيتَ مُعسِرًا فتجاوز عنه، لعل اللهَ يَتجاوزُ عنا، فلقي اللهَ فتجاوز عنه».

[صحيح] - [متفق عليه] - [صحيح مسلم: 1562]
المزيــد ...

Abu Hurayrah Allah nnye no ntom kaa sɛ; Allah somafoɔ Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no kaa sɛ:
<< Na abranteɛ bi wɔ hɔ a ɔde sika bɔ amanfoɔ bosea, na na ɔka kyerɛ ne ba barima sɛ: sɛ woma obia ne ho akyere no (bosea) a, fa firi no ɛbia na Allah nso de yɛn (bɔne) afiri yɛn, nti ɔhyia Allah na Ɔde ne bɔne firii no>>.

[صحيح] - [متفق عليه]

Explanation

Ɔkɔmhyɛni -Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no- rebɔ yɛn amaneɛ fa abranteɛ bi a na ɔde sika bɔ amanfoɔ bosea, anaa ɔde adeɛ firi amanfoɔ, Na na ɔka kyerɛ ne ba barima a ɔgyegye bosea a ɛwɔ amanfoɔ nkyɛn sɛ: Sɛ wokɔ ɔkafoɔ bi nkyɛn na sɛ ɔnni neɛ ɔde bɛtua ne ka a, ''fa firi no na bu w'ani gu so''; wɔ berɛ a worema kɔnkyin berɛ aberɛ a wommisa no. Anaa sɛ woregye neɛ ɔwɔ wɔ hɔ mpo sɛ ɛnso kroaa, na ɛno ne n'akoma so adeɛ ne n'awerɛhyɛmu sɛ Allah de ne bɔne bɛfiri no na Ɔde akyɛ no. Na berɛ a ɔwuuɛ no Allah de no bɔne firii no na Ɔ̀de kyɛɛ no.

Translation: English Urdu Spanish Indonesian Uyghur Bengali French Turkish Russian Bosnian Sinhala Indian Chinese Persian Vietnamese Tagalog Kurdish Hausa Portuguese Malayalam Telgu Swahili Tamil Burmese Thai German Japanese Pashto Assamese Albanian Swedish amharic Dutch Gujarati Kyrgyz Nepali Yoruba Lithuanian Dari Tajik Kinyarwanda Romanian Hungarian Czech Malagasy Italian Oromo Kannada Azeri Uzbek Ukrainian
View Translations

Benefits from the Hadith

  1. Sɛ wode papa redi nkitaho wɔ nnipa ntam, na wode wɔn bɔne akyɛ wɔn na wabu w'ani agu wɔn a wɔn ho akyere wɔn a (wɔde wo ka so) ka nneɛma akɛseɛ a ɛbɛma akoa bi adi nkonim atemmuada no.
  2. Woreyɛ papa akyerɛ abɔdeɛ na wanya gyedie krɔgyenn wɔ Allah mu, na wanya awerɛhyɛmu wɔ n'ahummɔborɔ mu ka nneɛma ɛma Wɔde obi bɔne kyɛ no.