+ -

عن أبي هريرة رضي الله عنه قال: قال رسول الله صلى الله عليه وسلم:
«مَنْ أَنْظَرَ مُعْسِرًا، أَوْ وَضَعَ لَهُ، أَظَلَّهُ اللهُ يَوْمَ الْقِيَامَةِ تَحْتَ ظِلِّ عَرْشِهِ يَوْمَ لَا ظِلَّ إِلَّا ظِلُّهُ».

[صحيح] - [رواه الترمذي وأحمد] - [سنن الترمذي: 1306]
المزيــد ...

Hadiis a yɛnya firi Abii Huraira hɔ Onyame penie nka no aka sɛ: Ɔkɔmhyɛni Mohammɛd Onyame nhyira ne n'asomudwoe nka no aka sɛ:
“Obiara a ɔbɛma obi a ɔwɔ sikasɛm mu ahokyere mu ahomegyeɛ, anaasɛ ɔbɛgyae n’aka no, Allah bɛma no dabere wɔ Owusɔreɛ Da no wɔ N’Ahennwa no sunsum ase, da a sunsum biara nni hɔ gye Ne deɛ.”

[صحيح] - [رواه الترمذي وأحمد] - [سنن الترمذي - 1306]

Explanation

Ɔkɔmhyɛni -Asomdwe ne nhyira nka no -Bɔɔ amaneɛ sɛ obiara a ɔbɛma ɔkafoɔ bi ahomegyeɛ anaa ɔbɛtew ne ka so no, n’akatua ne sɛ Onyankopɔn bɛkata no sunsum wɔ N’Ahennwa ase wɔ Owusɔreɛ Da no, berɛ a owia bɛbɛn ne nkoa tiri na ne hyeɛ bɛyɛ den ama wɔn. Obiara nnya sunsum gye nea Onyankopɔn ma no sunsum no.

Benefits from the Hadith

  1. Su pa a ɛne sɛ wɔbɛma nneɛma ayɛ mmerɛ ama Ade Nyame nkoa ho mfasoɔ, na ɛyɛ ade baako a ɛma wonya nkwagye wɔ Atemmuada Owusɔre Da no mu.
  2. Na dwumadie akatua ɛfiri dwumadie no ara mu.
Translation: English Urdu Spanish Indonesian Uyghur Bengali French Turkish Russian Bosnian Sinhala Indian Chinese Persian Vietnamese Tagalog Kurdish Hausa Portuguese Malayalam Telgu Swahili Tamil Burmese Thai German Japanese Pashto Assamese Albanian Swedish amharic Dutch Gujarati Kyrgyz Nepali Yoruba Lithuanian Dari Serbian Somali Tajik Kinyarwanda Romanian Hungarian Czech الموري Malagasy Fulani Italian Oromo Kannada الولوف البلغارية Azeri اليونانية Uzbek Ukrainian الجورجية اللينجالا المقدونية
View Translations