عن أبي هريرة رضي الله عنه عن رسول الله صلى الله عليه وسلم قال:
«مَا نَقَصَتْ صَدَقَةٌ مِنْ مَالٍ، وَمَا زَادَ اللهُ عَبْدًا بِعَفْوٍ إِلَّا عِزًّا، وَمَا تَوَاضَعَ أَحَدٌ لِلهِ إِلَّا رَفَعَهُ اللهُ».
[صحيح] - [رواه مسلم] - [صحيح مسلم: 2588]
المزيــد ...
Yɛnyaa Hadisi yi firii Abu Hurayrah nkyɛn, Allah nnye no ntom, sɛ Allah somafoɔ, Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no kaa sɛ:
<< Daabi da! Seraha (adɔeɛ) mma ahonya so nte, na obi nkɔ so mfa bɔne nkyɛ agye sɛ Allah to n'animuonyam mu, na obi mmrɛ ne ho ase Allah nti, agye Allah ma no so>>.
[صحيح] - [رواه مسلم] - [صحيح مسلم - 2588]
Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no kyerɛ mu kyerɛ yɛn sɛ, esipi sɛ seraha nte ahonya so na mmom ɛpam mmusuo, na Allah de papa kɛseɛ hyɛ oniakorɔ anan mu, na ayɛ ntosoɔ na mmom nyɛ ntesoɔ.
Na obi ɛnkɔ so mfa bɔne nkyɛ wɔ berɛ a ɔwɔ tumi sɛ ɔyɛ bi te ka anaa ɔtwe obi aso agye ɔnya tumi ne ahoɔden.
Na obi mmerɛ ne ho ase Allah nti, na nyɛ sɛ ɔsuro obiara anaasɛ ɔpɛ sɛ obi bo tɔ ne yam, anaasɛ ɔde rehwehwɛ mfasodeɛ bi afiri obi nkyɛn agye sɛ n'akatua yɛ kɛseɛ a ɛkrɔn.