عن النُّعمان بن بَشير رضي الله عنه قال: سَمِعْتُ رَسُولَ اللهِ صَلَّى اللهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ يَقُولُ -وَأَهْوَى النُّعْمَانُ بِإِصْبَعَيْهِ إِلَى أُذُنَيْهِ-:
«إِنَّ الْحَلَالَ بَيِّنٌ وَإِنَّ الْحَرَامَ بَيِّنٌ، وَبَيْنَهُمَا مُشْتَبِهَاتٌ لَا يَعْلَمُهُنَّ كَثِيرٌ مِنَ النَّاسِ، فَمَنِ اتَّقَى الشُّبُهَاتِ اسْتَبْرَأَ لِدِينِهِ وَعِرْضِهِ، وَمَنْ وَقَعَ فِي الشُّبُهَاتِ وَقَعَ فِي الْحَرَامِ، كَالرَّاعِي يَرْعَى حَوْلَ الْحِمَى يُوشِكُ أَنْ يَرْتَعَ فِيهِ، أَلَا وَإِنَّ لِكُلِّ مَلِكٍ حِمًى، أَلَا وَإِنَّ حِمَى اللهِ مَحَارِمُهُ، أَلَا وَإِنَّ فِي الْجَسَدِ مُضْغَةً، إِذَا صَلَحَتْ صَلَحَ الْجَسَدُ كُلُّهُ، وَإِذَا فَسَدَتْ فَسَدَ الْجَسَدُ كُلُّهُ، أَلَا وَهِيَ الْقَلْبُ».
[صحيح] - [متفق عليه] - [صحيح مسلم: 1599]
المزيــد ...
Yɛnyaa Hadisi yi firii An Nu'man bin Bashir nkyɛn (Allah nnye no ntom) ɔkaa sɛ: metee sɛ Allah somafoɔ no -Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no- reka sɛ - ɛna ɔde ne nsateaa kyerɛɛ n'aso ho-:
<< Esipi sɛ neɛ mmara ma ho kwan no da adi pefee ɛna neɛ ɛyɛ akyiwadeɛ nso da adi pefee, na wɔn ntɛm yɛ neɛ akyinnyeɛ wɔ hɔ, nnipa dodoɔ no ara nnim ho asɛm, na neɛ ɔbɛtwe no ho afiri neɛ akyinnyeɛ wɔ ho no abɔ no som ne n'animmuonyam ho ban, na neɛ ɔbɛtɔ neɛ akyinnyeɛ wɔ ho no mu no atɔ neɛ ɛyɛ akyiwadeɛ mu, te sɛ odwanhwɛfoɔ a ɔde ne mmoa akɔ adidie wɔ kronkronbea bi nkyɛn pɛɛ a aka kakra na ɔde wɔn awura kronkronbea no mu, hwɛ yie! na ɔhene biara wɔ ne kronkronbea, hwɛ yie na esipi sɛ Allah kronkronbea ne n'akyiwadeɛ, hwɛ yie na esipi sɛ namkum bi wɔ honam dua no mu a, sɛ ɛyɛ yie a honam dua no nyina ara ayɛ yie, na sɛ ɛsɛe nso a honam dua no nyina ara asɛe, hwɛ yie na ɛno ne akoma>>.
[صحيح] - [متفق عليه] - [صحيح مسلم - 1599]
Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no rekyerɛ yɛn mmra a ɛfa ade nyina ara ho mu, na ɛne sɛ wɔ mmra mu no yɛakyɛ mu akuo mmiɛnsa: neɛ mmra pene so pefee, ne neɛ ɛyɛ akyiwadeɛ pefee, ne nneɛma a akyinnyeɛ wɔ so ɛmu nna hɔ sɛ mmra pene so anaa ɛmpene so, nnipa dodoɔ no ara nnim ɛho asɛm.
Na neɛ ɔbɛgyae saa nneɛma a akyinnyeɛ wɔ ho no, wabɔ ne som ho ban sɛ ɔbɛtɔ neɛ ɛyɛ akyiwadeɛ mu, na wabɔ n'animmuonyam ho ban afiri soboɔ a afoforɔ de bɛbɔ no ɛnam sɛ wayɛ neɛ akyinnyeɛ wɔ ho no bi. Na neɛ wantwe no ho amfiri neɛ akyinnyeɛ wɔ ho no de ne ho ama, ada sɛ ɔbɛtɔ neɛ ɛyɛ akyiwadeɛ mu anaa sɛ nnipa nkasa ntia n'animmuonyam. Na Allah somafoɔ -Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no - yɛɛ mfatoho sɛneɛ ɔde bɛkyerɛ obi a ɔbɛyɛ neɛ akyinnyeɛ wɔ ho no bi, sɛ ɔte sɛ odwanhwɛsofoɔ a ɔde n'ayɛmmoa akɔ adidie wɔ asaase bi a ne wura agye ho, ebetumi aba sɛ saa ayɛmmoa yi bɛkɔ akɔdidi wɔ saa beaɛ a wagye ho no mu ɛsiane bɛn a wɔabɛn beaɛ no nti, sa ara pɛpɛɛpɛ na neɛ ɔyɛ neɛ akyinnyeɛ wɔ ho, ɛfiri sɛ ɔnam ɛno so bɛbɛn neɛ ɛyɛ akyiwadeɛ no na ahwɛ a na wakɔ tom. Ɛno akyire no ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no bɔɔ yɛn amaneɛ sɛ namkum bi wɔ honam dua no mu (ɛno ne akoma) ɛyɛ honamdua no yie sɛ ɛyɛ yie a, na ɛsɛe honam dua no sɛ ɛsɛe a.