عن أبي هريرة رضي الله عنه
عَنِ النَّبِيِّ صَلَّى اللهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ، فِيمَا يَحْكِي عَنْ رَبِّهِ عَزَّ وَجَلَّ، قَالَ: «أَذْنَبَ عَبْدٌ ذَنْبًا، فَقَالَ: اللَّهُمَّ اغْفِرْ لِي ذَنْبِي، فَقَالَ تَبَارَكَ وَتَعَالَى: أَذْنَبَ عَبْدِي ذَنْبًا، فَعَلِمَ أَنَّ لَهُ رَبًّا يَغْفِرُ الذَّنْبَ، وَيَأْخُذُ بِالذَّنْبِ، ثُمَّ عَادَ فَأَذْنَبَ، فَقَالَ: أَيْ رَبِّ اغْفِرْ لِي ذَنْبِي، فَقَالَ تَبَارَكَ وَتَعَالَى: عَبْدِي أَذْنَبَ ذَنْبًا، فَعَلِمَ أَنَّ لَهُ رَبًّا يَغْفِرُ الذَّنْبَ، وَيَأْخُذُ بِالذَّنْبِ، ثُمَّ عَادَ فَأَذْنَبَ، فَقَالَ: أَيْ رَبِّ اغْفِرْ لِي ذَنْبِي، فَقَالَ تَبَارَكَ وَتَعَالَى: أَذْنَبَ عَبْدِي ذَنْبًا، فَعَلِمَ أَنَّ لَهُ رَبًّا يَغْفِرُ الذَّنْبَ، وَيَأْخُذُ بِالذَّنْبِ، اعْمَلْ مَا شِئْتَ فَقَدْ غَفَرْتُ لَكَ».
[صحيح] - [متفق عليه] - [صحيح مسلم: 2758]
المزيــد ...
Yɛ nya Hadis yi firi Abu Hurairata-Nyame peninee nka no nkyɛn
Ɔkɔmhyɛni no, Nyankopɔn nhyira ne asomdwoe nka no, kaeɛ, firii n’Awurade hɔ, Ade Nyinaa so Tumfoɔ na Anuonyam wɔ No, sɛ Ɔkaa sɛ: “Akoa bi yɛɛ bɔne na ɔkaa sɛ: O Onyankopɔn, fa me bɔne kyɛ me. Na Onyankopɔn, Nhyira ne No, Ɔsorosoroni no kaa sɛ: M’akoa yɛɛ bɔne na wahunu sɛ ɔwɔ Awurade a Ɔde bɔne kyɛ na Ɔtumi nso twe aso wɔ bɔne ho. Afei ɔyɛɛ bɔne bio na kaa sɛ: O Awurade, fa me bɔne kyɛ me. Na Onyankopɔn, Nhyira ne No, Ɔsorosoroni no kaa sɛ: M’akoa yɛɛ bɔne, na wahunu sɛ ɔwɔ Awurade a Ɔde bɔne kyɛ na Ɔtumi nso twe aso wɔ bɔne ho. Afei ɔyɛɛ bɔne bio na ɔkaa sɛ: ‘O Awurade, fa me bɔne kyɛ me.’ Na Nyankopɔn, Nhyira ne No, Ɔsorosoroni no kaa sɛ: ‘M’akoa yɛɛ bɔne, na ɔnim sɛ ɔwɔ Awurade bi a Ɔde bɔne kyɛ na Ɔtumi nso twe aso wɔ bɔne ho. Yɛ nea wopɛ biara, na Mede akyɛ wo.
[صحيح] - [متفق عليه] - [صحيح مسلم - 2758]
Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no reka kyerɛ yɛn firi n'awurade nkyɛn sɛ: sɛ akoa bi yɛ bɔne na afei ɔka sɛ: Oh Onyankopɔn fa me bɔne kyɛ me a, Allah Okokuroko no ka sɛ: m'akoa ayɛ bɔne, ɛna wahunu sɛ ɔwɔ Owura bi a Ɔde bɔne kyɛ, na Wakata no nkyom na wabu n'ani agu so, anaasɛ watwe n'aso wɔ ho, na Me de akyɛ no. Afei akoa no yɛɛ bɔne bio na ɔkaa sɛ: O Awurade, fa me bɔne kyɛ me. Na Onyankopɔn kaa sɛ: M’akoa yɛɛ bɔne na wahunu sɛ ɔwɔ Awurade a Ɔde bɔne kyɛ, na Ɔkata so na Ɔbu N’ani gu so, anaa Ɔtwe aso wɔ ho. Mede akyɛ M’akoa. Afei akoa no yɛɛ bɔne bio na ɔkaa sɛ: O Awurade, fa me bɔne kyɛ me. Na Nyankopɔn kaa sɛ: M'akoa no yɛɛ bɔne na wahunu sɛ ɔwɔ Awurade bi a Ɔde bɔne kyɛ, na Ɔkata so na Ɔbu N'ani gu so, anaase Ɔtwe aso wɔ ho. Mede akyɛ M’akoa, enti ma ɔnyɛ nea ɔpɛ biara, abere biara a ɔbɛyɛ bɔne no, ɔgyae bɔne no, na ɔnu ne ho, na ɔsi gyinaeɛ sɛ ɔrensan nkɔ mu bio, nanso ne kra di no so nkonim na ɔhwe bɔne no mu bio. Berɛ biara a ɔbɛkɔ so ayɛ bɔne na wasakra no, Mede bɛkyɛ no, efiri sɛ adwensakra pepa nea ɛdii n’anim kan no.