عن أبي هريرة رضي الله عنه عن رسول الله صلى الله عليه وسلم قال:
«مَنْ كَانَ يُؤْمِنُ بِاللهِ وَالْيَوْمِ الْآخِرِ فَلْيَقُلْ خَيْرًا أَوْ لِيَصْمُتْ، وَمَنْ كَانَ يُؤْمِنُ بِاللهِ وَالْيَوْمِ الْآخِرِ فَلْيُكْرِمْ جَارَهُ، وَمَنْ كَانَ يُؤْمِنُ بِاللهِ وَالْيَوْمِ الْآخِرِ فَلْيُكْرِمْ ضَيْفَهُ».
[صحيح] - [متفق عليه] - [صحيح مسلم: 47]
المزيــد ...
Hadiis a yɛnya afiri Abu Huraira ho Onyame npenie nka nɔ nokware ɔkomhyani Mohammɛd Onyame asomdwie nka nɔ akasɛ:
"Obiara wo ye Gyedie de ma Nyame ne Atamuada da nu,na wo ka nokware anaa se wo ye koum,Obiara wo ye Gyedie de ma Nyame ne Atamuada da nu wo fa nidiye ma na asetena ahokanee,nea wo be ye gyedi ne Atamuada da wo fa bu ne nidiye emma na Hohowo".
[صحيح] - [متفق عليه] - [صحيح مسلم - 47]
Ɔkɔmhyɛni (Nyankopɔn nhyira ne asomdwoe nka no) kyerɛkyerɛɛ mu sɛ akoa a ɔgye Nyankopɔn die ne Awieeɛ Da no a ɔbɛsan akɔ no, na emu na ɔbɛnya ne nnwuma so akatua no, ɛkanyan ne gyidie ma ɔyɛ su ahodoɔ a ɛdidi soɔ yi:
Nea edi kan: Kasa pa, te sɛ Onyankopɔn anuonyamhyɛ ne Onyankopɔn baakoyɛ a wɔka ho asɛm,Na ɔbɛhyɛ ma wɔayɛ papa, Na ɔbɛbara nea ɛnyɛ, ne nnipa a ɔbɛsiesie wɔn ntam. Sɛ wantumi anyɛ saa a, ɛnneɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ komm, na ma ɔnha afoforɔ, na ɔmmɔ ne tɛkrɛma ho ban.
Nea ɛtɔ so mmienu: Obi afipamfoɔ a ɔbɛdi wɔn nni, te sɛ ayamyɛ a ɔbɛyɛ wɔn na ɔnyɛ wɔn bɔne.
Nea ɛtɔ so mmiɛnsa: Ɔhɔhoɔ bi a ɔbɛba abɛsra wo a wobɛdi no nni, denam kasa pa a wobɛka, aduane a wode bɛma, ne nea ɛtete saa so.