+ -

عن أبي هريرة رضي الله عنه قال: سمعت النبي صلى الله عليه وسلم يقول:
«مَنْ حَجَّ لِلهِ فَلَمْ يَرْفُثْ وَلَمْ يَفْسُقْ رَجَعَ كَيَوْمِ وَلَدَتْهُ أُمُّهُ».

[صحيح] - [متفق عليه] - [صحيح البخاري: 1521]
المزيــد ...

Osuani Abu Huraira, Nyankopɔn ani nnye ne ho kaa sɛ:"metee sɛ ɔkɔmhyɛni reka sɛ":
"Obibiara a ɔbɛkɔ hajj na wamfa ne ho anhyɛ rafath(ɔbaa ne barima nhyiamu anaa kasa fii) mu anaa wanyɛ bɔne no, ɔbɛsan te sɛ ɛda a ne maame woo no".

[صحيح] - [متفق عليه]

Explanation

Ɔkɔmhyɛni kyerɛɛ sɛ obi a ɔbɛkɔ hajj na wamfa ne ho anhyɛ ɔbaa ne barima nhyiamu mu anaa kasa fii mu anaa wanyɛ bɔne no, ɔbɛba fie na ne ho nni bɔne biara. Bɔne no bi ne sɛ wobɛyɛ nneɛma a yɛabra wo wɔ ho no wɔ berɛ a wowɔ ihram(Hajj afadeɛ no) mu. Sɛ wamfa ne ho anhyɛ saa nneɛma yi mu a, ɔba fie firi hajj hɔ wɔ berɛ a yɛde ne bɔne akyɛ no, sɛdeɛ abɔfra mono ho nni bɔne biara no.

Translation: English Urdu Spanish Indonesian Uyghur Bengali French Turkish Russian Bosnian Sinhala Indian Chinese Persian Vietnamese Tagalog Kurdish Hausa Portuguese Malayalam Telgu Swahili Tamil Burmese Thai German Japanese Pashto Assamese Albanian Swedish amharic Dutch Gujarati Kyrgyz Nepali Yoruba Lithuanian Dari Serbian Somali Tajik Kinyarwanda Romanian Hungarian Czech Malagasy Italian Oromo Kannada Azeri Uzbek Ukrainian
View Translations

Benefits from the Hadith

  1. Ɛmmom yɛbra bɔne wɔ berɛ biara mu, na ne bra mu yɛ ketee wɔ hajj berɛ mu ɛnam hajj ho amammerɛ no nti.
  2. Nipa biara ho nni mfomsoɔ ne bɔne biara wɔ berɛ a wɔwoo no no; na ɔnsoa afoforɔ bɔne nso mma wɔn.
More ...