عن تميم الداري رضي الله عنه أن النبي صلى الله عليه وسلم قال:
«الدِّينُ النَّصِيحَةُ» قُلْنَا: لِمَنْ؟ قَالَ: «لِلهِ وَلِكِتَابِهِ وَلِرَسُولِهِ وَلِأَئِمَّةِ الْمُسْلِمِينَ وَعَامَّتِهِمْ».
[صحيح] - [رواه مسلم] - [صحيح مسلم: 55]
المزيــد ...
Yɛnyaa hadisi yi firii Tamim Ad Daariy nkyɛn Allah nnye no ntom, sɛ Allah ɔkɔmhyɛni (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) kaa sɛ:
<<Ɛsom no yɛ afutuo>> yɛkaa sɛ: de ma hwan? ɔkaa sɛ: de ma Allah ne Ne nwoma ne Ne somafoɔ, ne Muslimifoɔ akannifoɔ ne wɔn akyidifoɔ nyina ara.
[صحيح] - [رواه مسلم] - [صحيح مسلم - 55]
Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no bɔ yɛn amaneɛ sɛ ɛsom tenenee gyina gyedie krɔgyenn ne nokware so, kɔpem sɛ ɔbɛyɛ no sɛdeɛ Allah rehyɛ no, pɛpɛɛpɛ a ɔnte so anaa ɔnyɛ asisire biara wɔ mu.
Na ɔka kyerɛɛ ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no : hwan na ɔfata afutuo no? na Ɔkaa sɛ:
Neɛ edikan: afutuo a yɛde ma Allah Ɔhoteeni Okokuroko no: sɛ yɛde nokware bɛdi dwuma ama no, na yɛmfa biribi mmata no, na yɛbɛgye n'awuradeyɔ ne Ne Nyameyɔ ne Ne din ne n'abodin ahodoɔ no adi, na yɛahyɛ n'ahyɛdeɛ animmuonyam, na yɛafrɛ afoforɔ ama wɔagye no adi.
Neɛ ɛtɔ so mmienu: afutuo a ɛfa Ne nwoma no ho na ɛno ne Kur'aani Kronkron no: sɛ yɛbɛgye adi sɛ ɛyɛ No kasa, na ɛyɛ Ne nwoma a ɛtwa toɔ, na abɛpepa mmrasɛm a edii n'anim kan nyina ara, na yɛkrɔn no, na yɛkenkan no nokware mu, na yɛde ɛmu nsɛm a ɛmu da hɔ no di dwuma, na yɛagyae neɛ ɛkyere yɛn adwene so, na yɛbɔ ho ban firi wɔn a wɔkyerɛkyerɛ mu kyea no ho, na yɛafa adesua afiri afutuo a ɛwɔ mu ho, na yɛkyɛ nyansasua a ɛwɔ mu na yɛafrɛ afoforɔ aba ho.
Neɛ ɛtɔ so mmiɛnsa: afutuo a ɛfa Ne somafoɔ Muhammad ho, (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no): sɛ yɛbɛgye adi sɛ ɔno ne ɔsomafoɔ a ɔtwa toɔ, na yɛagye neɛ ɔde baaeɛ no adi, na yɛasuasua n'ahyɛdeɛ na yɛatwe yɛn ho afiri n'akyiwadeɛ ho, na yɛnsom Allah agye yɛnam neɛ ɔde baaeɛ so, na yɛakrɔn ne kyɛfa a ɔwɔ na yɛadi No ni, na yɛatrɛ Ne dawubɔ no mu na yɛakyekyɛ ne mmrasɛm no, na yɛasan ne ti afiri soboɔ biara wɔde rebɔ no ho.
Neɛ ɛtɔ so nan: afutuo a ɛfa muslimifoɔ akannifoɔ ho: wɔ berɛ a yɛreboa wɔn wɔ nokware kwan so, na yɛnnye wɔn akyinnyeɛ, na yɛnyɛ sotie ne obuo mma wɔn wɔ Allah kwan so.
Neɛ ɛtɔ so ɛnum: afutuo de ma muslimifoɔ: sɛ wɔbɛyɛ wɔn papa na wɔafrɛ wɔn, na wɔagyae sɛ wɔbɛha wɔn, na wɔasusu papa ama wɔn, na wɔaboa wɔn wɔ papa ne nyamesuro kwan so.