عن تميم الداري رضي الله عنه أن النبي صلى الله عليه وسلم قال:
«الدِّينُ النَّصِيحَةُ» قُلْنَا: لِمَنْ؟ قَالَ: «لِلهِ وَلِكِتَابِهِ وَلِرَسُولِهِ وَلِأَئِمَّةِ الْمُسْلِمِينَ وَعَامَّتِهِمْ».

Yɛnyaa hadisi yi firii Tamim Ad Daariy nkyɛn Allah nnye no ntom, sɛ Allah ɔkɔmhyɛni (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) kaa sɛ:
<<Ɛsom no yɛ afutuo>> yɛkaa sɛ: de ma hwan? ɔkaa sɛ: de ma Allah ne Ne nwoma ne Ne somafoɔ, ne Muslimifoɔ akannifoɔ ne wɔn akyidifoɔ nyina ara.

صحيح رواه مسلم صحيح مسلم - 55

Nkyerɛ mu

Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no bɔ yɛn amaneɛ sɛ ɛsom tenenee gyina gyedie krɔgyenn ne nokware so, kɔpem sɛ ɔbɛyɛ no sɛdeɛ Allah rehyɛ no, pɛpɛɛpɛ a ɔnte so anaa ɔnyɛ asisire biara wɔ mu.
Na ɔka kyerɛɛ ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no : hwan na ɔfata afutuo no? na Ɔkaa sɛ:
Neɛ edikan: afutuo a yɛde ma Allah Ɔhoteeni Okokuroko no: sɛ yɛde nokware bɛdi dwuma ama no, na yɛmfa biribi mmata no, na yɛbɛgye n'awuradeyɔ ne Ne Nyameyɔ ne Ne din ne n'abodin ahodoɔ no adi, na yɛahyɛ n'ahyɛdeɛ animmuonyam, na yɛafrɛ afoforɔ ama wɔagye no adi.
Neɛ ɛtɔ so mmienu: afutuo a ɛfa Ne nwoma no ho na ɛno ne Kur'aani Kronkron no: sɛ yɛbɛgye adi sɛ ɛyɛ No kasa, na ɛyɛ Ne nwoma a ɛtwa toɔ, na abɛpepa mmrasɛm a edii n'anim kan nyina ara, na yɛkrɔn no, na yɛkenkan no nokware mu, na yɛde ɛmu nsɛm a ɛmu da hɔ no di dwuma, na yɛagyae neɛ ɛkyere yɛn adwene so, na yɛbɔ ho ban firi wɔn a wɔkyerɛkyerɛ mu kyea no ho, na yɛafa adesua afiri afutuo a ɛwɔ mu ho, na yɛkyɛ nyansasua a ɛwɔ mu na yɛafrɛ afoforɔ aba ho.
Neɛ ɛtɔ so mmiɛnsa: afutuo a ɛfa Ne somafoɔ Muhammad ho, (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no): sɛ yɛbɛgye adi sɛ ɔno ne ɔsomafoɔ a ɔtwa toɔ, na yɛagye neɛ ɔde baaeɛ no adi, na yɛasuasua n'ahyɛdeɛ na yɛatwe yɛn ho afiri n'akyiwadeɛ ho, na yɛnsom Allah agye yɛnam neɛ ɔde baaeɛ so, na yɛakrɔn ne kyɛfa a ɔwɔ na yɛadi No ni, na yɛatrɛ Ne dawubɔ no mu na yɛakyekyɛ ne mmrasɛm no, na yɛasan ne ti afiri soboɔ biara wɔde rebɔ no ho.
Neɛ ɛtɔ so nan: afutuo a ɛfa muslimifoɔ akannifoɔ ho: wɔ berɛ a yɛreboa wɔn wɔ nokware kwan so, na yɛnnye wɔn akyinnyeɛ, na yɛnyɛ sotie ne obuo mma wɔn wɔ Allah kwan so.
Neɛ ɛtɔ so ɛnum: afutuo de ma muslimifoɔ: sɛ wɔbɛyɛ wɔn papa na wɔafrɛ wɔn, na wɔagyae sɛ wɔbɛha wɔn, na wɔasusu papa ama wɔn, na wɔaboa wɔn wɔ papa ne nyamesuro kwan so.

Mfasoɔ a ɛwɔ hadiisi no mu

  1. Ɔhyɛ a ɛwɔ mu sɛ yɛtu obiara fo.
  2. Gyinaberɛ kɛseɛ a afutuo wɔ wɔ ɛsom no mu.
  3. Gyedie, nsɛmka ne nnwumadie nyina ara ka nyamesom ho.
  4. Afutuo no bi ne sɛ wobɛte wo kra ho afiri nnaadaa ho ama neɛ ɔretu ne fo ho, na wapɛ papa ama no.
  5. Allah somafoɔ (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) nkyerɛkyerɛ papa, ɛsiane sɛneɛ ɔka asɛm bi doboa na afei wapɛnsɛnpɛnsɛn mu.
  6. Wɔ berɛ a ɔde neɛ ɛho hia pa ara na rehyɛ aseɛ, sɛneɛ ɔkɔmhyɛni (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) de afutuo a ɛfa Allah ho hyɛɛ aseɛ, ansa na Ne nwoma, ansa na Ne somafoɔ (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) ansa na muslimifoɔ akannifoɔ, ansa na wɔn akyidifoɔ ho.

Kyerɛ nkyerɛaseɛ ahodoɔ no.

69 kasa no
EN English الإنجليزية
UR اردو الأوردية
ES Español الإسبانية
ID Indonesia الإندونيسية
UG ئۇيغۇرچە الأيغورية
BN বাংলা البنغالية
FR Français الفرنسية
TR Türkçe التركية
RU Русский الروسية
BS Bosanski البوسنية
SI සිංහල السنهالية
HI हिन्दी الهندية
ZH 中文 الصينية
FA فارسی الفارسية
VI Tiếng Việt الفيتنامية
TL Tagalog تجالوج
KU Kurdî الكردية
HA Hausa الهوسا
PT Português البرتغالية
ML മലയാളം المليالم
TE తెలుగు التلغو
SW Kiswahili السواحيلية
TA தமிழ் التاميلية
MY မြန်မာ البورمية
TH ไทย التايلندية
DE Deutsch الألمانية
JA 日本語 اليابانية
PS پښتو بشتو
AS অসমীয়া الأسامية
SQ Shqip الألبانية
SV Svenska السويدية
AM አማርኛ الأمهرية
NL Nederlands الهولندية
GU ગુજરાતી الغوجاراتية
KY Кыргызча القيرقيزية
NE नेपाली النيبالية
YO Yorùbá اليوروبا
LT Lietuvių الليتوانية
PRS دری الدرية
SR Српски الصربية
SO Soomaali الصومالية
TG тоҷикӣ الطاجيكية
RW Kinyarwanda الكينياروندا
RO Română الرومانية
HU Magyar المجرية
CS Čeština التشيكية
MOS Moore الموري
MG Malagasy المالاجاشية
FF Fulfulde الفولانية
IT Italiano الإيطالية
OM Oromoo الأورومو
KN ಕನ್ನಡ الكانادا
WO Wolof الولوف
BG Български البلغارية
AZ Azərbaycan الأذربيجانية
EL Ελληνικά اليونانية
UZ O‘zbek الأوزبكية
UK Українська الأوكرانية
KA ქართული الجورجية
LN Lingala اللينجالا
MK Македонски المقدونية
KM ភាសាខ្មែរ الخميرية
BM Bambara البامبارية
PA ਪੰਜਾਬੀ البنجابية
MR मराठी الماراثية
DA Dansk الدنماركية
RN Kirundi الكيروندي
KMR Kurmancî الكرمنجية
MS Bahasa Melayu الملايو