عن أبي هريرة رضي الله عنه قال:
سُئِلَ رَسُولُ اللهِ صَلَّى اللهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ عَنْ أَكْثَرِ مَا يُدْخِلُ النَّاسَ الْجَنَّةَ، فَقَالَ: «تَقْوَى اللهِ وَحُسْنُ الْخُلُقِ»، وَسُئِلَ عَنْ أَكْثَرِ مَا يُدْخِلُ النَّاسَ النَّارَ فَقَالَ: «الْفَمُ وَالْفَرْجُ».
[حسن صحيح] - [رواه الترمذي وابن ماجه وأحمد] - [سنن الترمذي: 2004]
المزيــد ...
Yɛnyaa Hadisi yi firii Abu Hurayrah nkyɛn, Allah nnye no ntom, ɔkaa sɛ:
Wɔbisaa Allah somafoɔ (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) ɛfa adeɛ a ɛde nnipa pii bɛwura ɔsoro aheman no mu, na ɔkaa sɛɛ: <
[حسن صحيح] - [رواه الترمذي وابن ماجه وأحمد] - [سنن الترمذي - 2004]
Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no akyerɛkyerɛ mu sɛ nneɛma akɛseɛ a ɛde obi wura ɔsoro aheman mu yɛ ɔkwan mmienu, wɔnom ne:
Nyame Suro ne Subain papa.
Nyamesuro: ne sɛ wode akokyɛm bɛsi wo ne Allah asotwee ntam, na ɛno ne sɛ wobɛyɛ n'ahyɛdeɛ na watwe wo ho afiri n'akyiwadeɛ ho.
Na suban papa: tumi yɛ sɛ worete w'anim, woredi dwuma pa ne woregyae bɔne.
Na nneɛma akɛseɛ a ɛde amanfoɔ bɛkɔ ogya dareɛ no mu yɛ nneɛma mmienu, na wɔnom ne:
Kɛtrɛma ne w'adagya (wo barima anaa wo baa)
Na kɛtrɛma bɔne ne bi ne : nkontompo, nantintwitwa, kɔnkɔnsa ne neɛ ɛkeka ho.
Na w'adagya nso bɔne ne bi ne: adwamammɔ, trumutrumu ne neɛ ɛkeka ho.