+ -

عن ابن عباس رضي الله عنهما قال:
كُنْتُ خَلْفَ رَسُولِ اللهِ صَلَّى اللهُ عَلَيْهِ وَسَلَّمَ يَوْمًا، فَقَالَ: «يَا غُلَامُ، إِنِّي أُعَلِّمُكَ كَلِمَاتٍ، احْفَظِ اللهَ يَحْفَظْكَ، احْفَظِ اللهَ تَجِدْهُ تُجَاهَكَ، إِذَا سَأَلْتَ فَاسْأَلِ اللهَ، وَإِذَا اسْتَعَنْتَ فَاسْتَعِنْ بِاللهِ، وَاعْلَمْ أَنَّ الْأُمَّةَ لَوِ اجْتَمَعَتْ عَلَى أَنْ يَنْفَعُوكَ بِشَيْءٍ، لَمْ يَنْفَعُوكَ إِلَّا بِشَيْءٍ قَدْ كَتَبَهُ اللهُ لَكَ، وَلَوِ اجْتَمَعُوا عَلَى أَنْ يَضُرُّوكَ بِشَيْءٍ، لَمْ يَضُرُّوكَ إِلَّا بِشَيْءٍ قَدْ كَتَبَهُ اللهُ عَلَيْكَ، رُفِعَتِ الْأَقْلَامُ وَجَفَّتِ الصُّحُفُ».

[صحيح] - [رواه الترمذي] - [سنن الترمذي: 2516]
المزيــد ...

Eferi IBNU ABBAS Nyame penenee enka nu- kase:
Da bi,Na mewɔ Nyame Somafoɔ no akyi, Nyankopɔn nhyira ne asomdwoe nka no, na ɔkaa sɛ: “ O abarimaa, merekyerɛkyerɛ wo nsɛm bi: Ma w’adwene nkɔ Nyankopɔn so na Ɔbɛma N’adwene aba wo so. Ma w’adwene nkɔ Nyankopɔn so na wobɛhunu No wɔ w’anim.Sɛ worebisa a, bisa Nyankopɔn, na sɛ worehwehwɛ mmoa a, hwehwɛ mmoa firi Nyankopɔn hɔ. Hunu sɛ, sɛ ɔmanfoɔ no nyinaa bɛhyia mu sɛ wɔreyɛ biribi aboa wo a, wɔrentumi nyɛ biribiara mmoa wo gye sɛ adeɛ a Nyankopɔn atwerɛ ama mo dada, na sɛ wɔrehyia mu sɛ wɔreyɛ biribi aha wo a, wɔrentumi nyɛ hwee ntia wo gye sɛ adeɛ a Nyankopɔn atwerɛ ama wo, Yɛapagya atwerɛdua no na nkrataa no nso aho.

[صحيح] - [رواه الترمذي] - [سنن الترمذي - 2516]

Explanation

Ibn Abbas, Nyankopɔn ani nnye ne ho, kaa sɛ, na ɔyɛ abarimaa kumaa bi a ɔne Ɔkɔmhyɛni no te pɔnkɔ so, Nyankopɔn nhyira ne asomdwoe nka no, Na Onyankopɔn nhyira ne asomdwoe nka no, ka kyerɛɛ no ​​sɛ: Mɛkyerɛkyerɛ wo nsɛm ne nneɛma a Onyankopɔn bɛboa wo wɔ ho:
Ma w'adwene nkɔ Onyankopɔn so denam N’ahyɛdeɛ a wobɛdi so na woakwati deɛ Wabara ho, sɛnea ɛbɛyɛ a Ɔbɛhu wo wɔ setie ne ahofama mu, na ɛnyɛ bɔne ne mmaratoɔ mu. Sɛ woyɛ saa a, w’akatua bɛyɛ sɛ Onyankopɔn bɛbɔ wo ho ban afiri wiase yi ne daankwamma amanehunu ho, na Ɔbɛboa wowɔ wo mmɔdemmɔ ho wɔ baabiara a wobɛkɔ biara.
Sɛ wopɛ sɛ wobisa biribi a, mmisa obiara gye sɛ Onyankopɔn nko ara, ɛfiri sɛ Ɔno nko ara na Ɔbua wɔn a wɔbisa no.
Sɛ wopɛ mmoa a, nhwehwɛ mmoa mfiri obiara hɔ gye Onyankopɔn.
Na hunu sɛ worennya mfasoɔ biara mpo sɛ asaase so nnipa nyinaa boaboaa wɔn ho ano sɛ wɔbɛboa wo a, gye deɛ Onyankopɔn atwerɛ ama wo, na sɛ asaase so nnipa nyinaa boaboaa wɔn ho ano sɛ wɔrebɛha wo mpo a, wɔretumi nha wo, gye sɛ deɛ Onyankopɔn ahyehyɛ ama wo.
Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn na Ɔtwerɛɛ saa asɛm yi na Ɔhyɛeɛ sɛnea Ne nyansa ne Ne nimdeɛ hwehwɛ teɛ, na nsesaeɛ biara nni nea Onyankopɔn atwerɛ no mu.

Benefits from the Hadith

  1. Ɛhia sɛ wɔkyerɛkyerɛ mmɔfra ne mmabunu nyamesom ho nsɛm, te sɛ onyame baako som, abrabɔ pa, ne nsɛm afoforɔ bi.
  2. Akatua no ne dwumadie no nsusueɛ yɛ pɛ.
  3. Ahyɛdeɛ a ɛne sɛ wode wo ho to Onyankopɔn so na wode wo werɛ hyɛ Ɔno nko ara mu, Na Ɔno ne Obi a Ɔhwɛ nneɛma nyinaa so yie.
  4. Gyidie wɔ nkrabea ne hyɛberɛ ne nnyentom a ɛwɔ mu, ne sɛ Onyankopɔn ahyehyɛ biribiara.
  5. Obiara a ɔbɛbu n'ani agu Nyankopɔn ahyɛdeɛ so no,Nyankopɔn bɛbu N'ani agu ne so na Ɔremmɔ ne ho ban.
Translation: English Urdu Spanish Indonesian Uyghur Bengali French Turkish Russian Bosnian Sinhala Indian Chinese Persian Vietnamese Tagalog Kurdish Hausa Portuguese Malayalam Telgu Swahili Tamil Burmese Thai German Japanese Pashto Assamese Albanian Swedish amharic Dutch Gujarati Kyrgyz Nepali Yoruba Lithuanian Dari Serbian Somali Tajik Kinyarwanda Romanian Hungarian Czech الموري Malagasy Fulani Italian Oromo Kannada الولوف البلغارية Azeri اليونانية Uzbek Ukrainian الجورجية المقدونية
View Translations