+ -

عن عبد الله بن عمرو رضي الله عنهما قال: قال رسول الله صلى الله عليه وسلم:
«إِنَّ الْمُقْسِطِينَ عِنْدَ اللهِ عَلَى مَنَابِرَ مِنْ نُورٍ، عَنْ يَمِينِ الرَّحْمَنِ عَزَّ وَجَلَّ، وَكِلْتَا يَدَيْهِ يَمِينٌ، الَّذِينَ يَعْدِلُونَ فِي حُكْمِهِمْ وَأَهْلِيهِمْ وَمَا وَلُوا».

[صحيح] - [رواه مسلم] - [صحيح مسلم: 1827]
المزيــد ...

YƐ nya feri ABDULLAHI BIN AMRI-Nyame peninee nka nu-wo ka se:KƆmwhenee-Asomdwe ne nhyira nka nu-ka se:
Ampa sɛ, atɛntreneefoɔ no bɛka Nyankopɔn ho wɔ hann adwa so, wɔ Mmɔborɔhunufoɔ, Otumfoɔ no nifa so. Ne nsa mmienu no nyinaa yɛ nifa. Wɔn a wɔdi atɛntrenee wɔ wɔn atemmuo mu ne wɔn mmusua ne wɔn a wɔhyɛ wɔn tumi ase ntam no.

[صحيح] - [رواه مسلم] - [صحيح مسلم - 1827]

Explanation

Ɔkɔmhyɛni no, Nyankopɔn nhyira ne asomdwoe nka no, bɔ yɛn amanneɛ sɛ wɔn a wɔde atɛntrenee ne nokorɛ di hene wɔ nnipa a wɔdi wɔn so, ne wɔn ahennie mu, ne wɔn mmusua ntam no bɛtena adwa a ɛkorɔn, a ɛwɔ sorosoro a wɔde hann abɔ, sɛ anuonyam ama wɔn wɔ Owusɔreɛ Da no mu. Saa adwa yi wɔ Mmɔborɔhunufoɔ, Ɔsorosoroni no nifa so, na Ne nsa mmienu nyinaa, anuonyam nka No, yɛ nifa.

Benefits from the Hadith

  1. Atɛntrenee mu mfasoɔ ne ne nkuranhyɛ.
  2. Atɛntrenee yɛ nea ɛfa biribiara ho na ɛfa aman ahodoɔ so die ne amammuo ahodoɔ nyinaa wɔ nnipa mu, ɛmpo atɛntrenee a ɛda ayerenom, mma, ne nneɛma afoforɔ ntam.
  3. Ateneneefoɔ gyinabea ho asɛm wɔ Owusɔreɛ Da no.
  4. Agyidifoɔ no gyinabea bɛyɛ soronko denam sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ wɔ Owusɔreɛ Da no.
  5. Ɔkwan a wɔfa so hyɛ nkuran no yɛ akwan a wɔfa so frɛ dɔm kɔ Islam mu no mu baako a ɛhyɛ onipa a wɔrefrɛ no no nkuran sɛ ɔnyɛ setie.
Translation: English Urdu Spanish Indonesian Uyghur Bengali French Turkish Russian Bosnian Sinhala Indian Chinese Persian Vietnamese Tagalog Kurdish Hausa Portuguese Malayalam Telgu Swahili Tamil Burmese German Japanese Pashto Assamese Albanian Swedish amharic Dutch Gujarati Kyrgyz Nepali Yoruba Lithuanian Dari Serbian Somali Tajik Kinyarwanda Romanian Hungarian Czech الموري Malagasy Fulani Oromo Kannada الولوف البلغارية Azeri اليونانية Uzbek Ukrainian الجورجية المقدونية الخميرية
View Translations